< Nnwom 123 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahennwa si ɔsoro.
(Sang til Festrejserne.) Jeg løfter mine Øjne til dig, som troner i Himlen!
2 Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn kɔsi sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ.
Som trælles øjne følger deres Herres Hånd, som en Trælkvindes Øjne følger hendes Frues Hånd, så følger vore Øjne HERREN vor Gud, til han er os nådig.
3 Hu yɛn mmɔbɔ, Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtia bebree.
Forbarm dig over os, HERRE, forbarm dig! Thi overmætte er vi af Spot,
4 Ahomasofoɔ fɛdie ama yɛabrɛ dodo; ahantanfoɔ animtiabuo afono yɛn.
overmæt er vor Sjæl af de sorgløses Hån, de stoltes Spot!

< Nnwom 123 >