< Yakobo 1 >

1 Krataa yi firi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo ɔsomfoɔ nkyɛn, Mekyea mmusuakuo dumienu a wɔahwete no nyinaa. 2 Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye 3 ɛfiri sɛ, sɛ mo gyidie tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na monya boasetɔ. 4 Momma boasetɔ no ntena mo mu daa nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo. 5 Sɛ nyansa ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn firi ayamyɛ ne adom mu ma obiara deɛ ɛhia no no kwa. 6 Na sɛ worebɔ mpaeɛ a, ɛsɛ sɛ wogye di a wonnye ho akyinnyeɛ. Obiara a ɔgye akyinnyeɛ no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ. 7 Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susu sɛ ɔbɛnya biribiara afiri Awurade nkyɛn; 8 nʼadwene yɛ no ntanta a ɔntumi nsi biribiara pi. 9 Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, 10 na adefoɔ a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Ɛfiri sɛ, adefoɔ no twam kɔ sɛ wiram afifideɛ bi. 11 Owia pue de ne hyeɛ no hye afifideɛ no ma nʼahoɔfɛ no sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefoɔ no ɛberɛ a wɔgu so redi wɔn nnwuma no. 12 Nhyira nka onipa a ɔnya gyidie wɔ amanehunu mu, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛnya akyɛdeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no. 13 Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ, “Saa sɔhwɛ yi firi Onyankopɔn.” Ɛfiri sɛ, bɔne rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno Onyankopɔn nso nsɔ obi nhwɛ. 14 Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no. 15 Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyini a ɛwo owuo. 16 Me nuanom adɔfoɔ, mommma wɔnnnaadaa mo. 17 Akyɛdeɛ pa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi ɔsoro; ɛfiri Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsum. 18 Ɔfiri ne pɛ mu nam nokorɛ a ɛwɔ asɛm no mu no so woo yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛbɛdi ɛkan wɔ abɔdeɛ nyinaa mu. 19 Me nuanom adɔfoɔ, monhyɛ yeinom nso: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuo; 20 ɛfiri sɛ, onipa abufuo no mma ɔnnya Onyankopɔn tenenee no. 21 Ɛno enti, montwe mo ho mfiri afideɛ ne atirimuɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na monnye asɛm a ɔdua wɔ mo akoma mu a ɛbɛgye mo nkwa no. 22 Monntie asɛm no sɛ atiefoɔ kwa nsisi mo ho, na mmom, monyɛ asɛm no yɛfoɔ. 23 Obiara a ɔtie asɛm no na ɔmfa nni dwuma no te sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu, na ɔhunu sɛdeɛ ɔteɛ. 24 Ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ no mu hunu ne ho yie na sɛ ɔfiri ahwehwɛ no anim ara pɛ a, ne werɛ firi deɛ ɔhunuiɛ no nyinaa. 25 Nanso, obiara a ɔhwɛ mmara a ɛyɛ pɛ no mu yie, deɛ ɛma onipa de ne ho, na ɔdi so, na ɔtie, na ne werɛ mfiri, na ɔde di dwuma no, Onyankopɔn bɛhyira saa onipa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu. 26 Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ Onyamesomfoɔ na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no ho nni mfasoɔ na ɔdaadaa ne ho nso. 27 Deɛ Agya Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ nyamesom pa no nie: Ɔhwɛ nwisiaa ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohia mu, na ɔyi ne ho firi ewiase porɔeɛ ho.

< Yakobo 1 >