< Yakobo 3 >

1 Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfoɔ deɛ sɛ yɛfom a, wɔbɛbu yɛn atɛn a emu yɛ den sene afoforɔ. 2 Yɛn nyinaa taa yɛ mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ wɔ deɛ ɔka mu no yɛ pɛ a ɔbɛtumi ahyɛ ne onipadua no so. 3 Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛdeɛ ɔbɛtie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ. 4 Anaasɛ dwene ɛhyɛn ho: sɛdeɛ ne kɛseɛ te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wɔtumi de akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafoɔ no pɛ sɛ ɛkɔ. 5 Saa ara na tɛkrɛma teɛ: ne ketewa yi nyinaa akyi, ɛtumi hoahoa nneɛma akɛseɛ. Hwɛ sɛdeɛ ogya ketewaa bi tumi hye kwaeɛ kɛseɛ. 6 Tɛkrɛma te sɛ ogya. Ɛwɔ tumi bɔne bi wɔ onipa akwaa mu. Ɛsɛe onipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so ogya ma ɛdɛre framfram. (Geenna g1067) 7 Onipa tumi dwodwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ɛpo mu mmoa nyinaa, 8 nanso obiara rentumi nnwodwo tɛkrɛma da. Ɛyɛ bɔne a ɔnhome so na awuduro ahyɛ no ma. 9 Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so. 10 Ano korɔ no ara mu na nkamfo ne nnome firi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. 11 Nsuo pa ne nsuo a ɛyɛ nkyenenkyene bɛtumi afiri asutire baako mu aba? 12 Me nuanom, borɔdɔma dua bɛtumi aso ngo dua aba? Anaasɛ bobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara na asutire a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa. 13 Obi wɔ mo mu a ɔnim nyansa na ɔwɔ nteaseɛ? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛaseɛ ne nyansa so da no adi. 14 Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkomenya wɔ mo akoma mu a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, na nam so ka nkontompo tia nokorɛ. 15 Saa nyansa yi mfiri ɔsoro na ɛbaeɛ. Ɛyɛ ewiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso. 16 Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkomenya wɔ no, basabasa ne bɔne ahodoɔ nyinaa bi wɔ hɔ. 17 Nanso, nyansa a ɛfiri ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoeɛ wɔ mu, ɛdwo na ɛwɔ nidɔ; ɛwɔ ahummɔborɔ na nneyɛeɛ pa firi mu ba; ɛnnye akyinnyeɛ na ɛnyɛ nyaatwom nso. 18 Na ɛso aba pa a ɛfiri aba a asomdwoeɛfoɔ duaa no asomdwoeɛ mu no.

< Yakobo 3 >