< Hesekiel 7 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2 “Onipa ba, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Israel asase no: “‘Awieeɛ no, awieeɛ no aduru asase no ntweaso ɛnan no so! 3 Awieeɛ no aduru wɔ wo so, na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so. Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so. 4 Merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no, na moahunu sɛ me ne Awurade.’ 5 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da nam ɛkwan so reba! 6 Awieeɛ no aba! Awieeɛ no aba! Apagya ne ho atia wo. Aba! 7 Ɔsɛeɛ aduru mo, mo a mote asase no so. Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn; huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ. 8 Merebɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so de awie mʼabufuo a ɛtia wo no. Mɛgyina wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so. 9 Merenhunu wo mmɔbɔ, na meremfa wo ho nkyɛ wo. Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ. 10 “‘Ɛda no nie! Hwɛ aba! Atemmuo da no apue, abaa no afefɛ, ahantan ahanehane! 11 Akakabensɛm ayɛ abaa a wɔde twe amumuyɛ aso. Nnipa no mu biara renka, nnipakuo no mu biara, ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka. 12 Ɛberɛ no aso! Ɛda no aduru. Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye anaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so. 13 Deɛ ɔtɔn no nsa renka asase a watɔn no bio wɔ ɛberɛ a wɔn mmienu te ase, Ɛfiri sɛ anisoadehunu a ɛfa nnipakuo no nyinaa no rensesa. Wɔn bɔne enti, wɔn mu baako koraa remfa ne ho nni. 14 “‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto, na wɔboaboa biribiara ano deɛ, nanso obiara renkɔ ɔsa, ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so. 15 Akofena wɔ mfikyire; na ɔyaredɔm ne ɛkɔm wɔ efie. Wɔn a wɔwɔ ɔman no mu bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no, ɔyaredɔm ne ɛkɔm bɛkum wɔn. 16 Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu na wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so. Na wɔakurum te sɛ mmɔnhwa mu mmorɔnoma wɔ wɔn mu biara bɔne enti. 17 Nsa nyinaa bɛdwodwo na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo. 18 Wɔbɛfirafira ayitoma na wɔabɔ huboa. Aniwuo bɛkata wɔn anim na wɔayi wɔn tirinwi. 19 “‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuhyeɛ ɛda no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu. 20 Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ ne nsɛsodeɛ tantane; enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn. 21 Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ, na wɔbɛgu ho fi. 22 Mɛyi mʼani afiri wɔn so na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi. Wɔbɛwura hɔ na wɔagu ho fi. 23 “‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma. 24 Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa ara abɛfa wɔn afie; mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ, na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi. 25 Sɛ ehu ba a, wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri ɛkwan, nanso ɛbɛbɔ wɔn. 26 Atoyerɛnkyɛm bɛdi atoyerɛnkyɛm akyi aba; atesɛm bɛdi atesɛm akyi. Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛnya anisoadehunu afiri odiyifoɔ no hɔ, Ɔsɔfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn. Saa ara na wɔrennya afotuo mfiri mpanimfoɔ hɔ. 27 Ɔhene no bɛtwa adwo, ɔheneba no bɛfira abasamutuo, na asase no so nnipa nsa bɛpopo. Me ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ, na mɛgyina wɔn pɛpɛyɛ so abu wɔn atɛn. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.’”

< Hesekiel 7 >