< Daniel 1 >

1 Yudahene Yehoiakim dii adeɛ ne mfeɛ mmiɛnsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼakodɔm bɛtuaa ɔman no. 2 Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Ɛberɛ a Nebukadnessar resane akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronneɛ bi firii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosomdan mu kɔguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so. 3 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼapiafoɔhene Aspenas sɛ, ɔmfa mmeranteɛ no bi a wɔfiri Yuda adehyeɛ abusua mu, ne wɔn a wɔfiri mmusua atitire mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nneduafoɔ no mmra ahemfie hɔ, 4 mmeranteɛ ahoɔdenfoɔ a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhunumu, na wɔadom wɔn osuahunu mu akyɛdeɛ a wɔnim nyansa, na wɔwɔ nnyinasoɔ bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfie hɔ. Kyerɛ mmeranteɛ no Kaldeafoɔ kasa ne ne nwoma. 5 Ɔhene no hyɛɛ sɛ, daa wɔmfa aduane ne nsã a ɛfiri ne didipono so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mfeɛ mmiɛnsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfoɔ. 6 Mmeranteɛ baanan bi a wɔyii wɔn no ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria a wɔn nyinaa firi Yuda abusuakuo mu. 7 Apiafoɔhene no de din foforɔ totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak ɛnna ɔtoo Asaria Abednego. 8 Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduane, nnom nsã a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ apiafoɔhene no sɛ ɔmma no ɛkwan na wangu ne ho fi. 9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafoɔhene no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu. 10 Apiafoɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ monni saa aduane yi, na monnom nsã no. Sɛ mofonfɔn na yɛde mo toto mmabunu a wɔyɛ mo tipɛnfoɔ no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ, matoto mʼadwuma ase.” 11 Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a apiafoɔhene no de no asi ɔno ne Hanania, Misael ne Asaria so no sɛ, 12 “Ma yɛn nhahamma ne nsuo dadu, na fa sɔ yɛn hwɛ. 13 Afei fa yɛn toto mmeranteɛ afoforɔ no a wɔredi ɔhene nnuane pa no ho, na hwɛ sɛdeɛ yɛte. Ɛno akyi yɛ wo nkoa sɛdeɛ wohunu.” 14 Enti, ɔsomfoɔ no penee asɛm a Daniel de too nʼanim no so, sɔɔ wɔn hwɛɛ dadu. 15 Dadu no akyi, wɔhunuu sɛ wɔn anim ayɛ fɛ na wɔwɔ honam sene mmeranteɛ a wɔdii ahennuane no nyinaa. 16 Enti, ɔsomfoɔ no sii gyinaeɛ sɛ ɔbɛtoa so ama wɔn nhahamma nko ara, na wamfa ahennuane amma wɔn. 17 Na mmerantewaa baanan yi Onyankopɔn maa wɔn nwomanim ne nyansahu nyinaa mu nimdeɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nkyerɛaseɛ ho nimdeɛ. 18 Ɛberɛ a ɔhene no ahyɛ no duruiɛ no, ɔpanin no de mmeranteɛ yi nyinaa brɛɛ Nebukadnessar. 19 Ɔhene no ne wɔn nyinaa kasaeɛ, na wɔn mu biara ansɔ nʼani gye sɛ, Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Enti, wɔde wɔn kaa ɔhene no apiafoɔ ho. 20 Asɛm biara a ɛhia nyansa ne nteaseɛ a ɔhene no bisa wɔn no ɔhunu sɛ, wɔ sene nkonyaayifoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ a wɔwɔ nʼahemman mu nyinaa no mpɛn edu. 21 Daniel tenaa hɔ ara, kɔsii ɔhene Kores adedie afe a ɛdi ɛkan mu.

< Daniel 1 >