< Asomafoɔ 20 >

1 Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn firii hɔ kɔɔ Makedonia. 2 Ɔkyinkyini faa amantam no mu, tuu asuafoɔ no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, ɔbɛduruu Hela. Ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa. 3 Ɛberɛ a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafoɔ no abɔ ne ho pɔ; enti ɔsane nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔeɛ. 4 Piro a ɔfiri Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔeɛ. Wɔn a wɔka ne ho kɔeɛ no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wɔfiri Tesalonika ne Gaio a ɔfiri Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wɔfiri Asiaman mu no. 5 Saa nnipa yi dii ɛkan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa. 6 Yɛdii Apiti Afahyɛ no wieeɛ no, yɛfirii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnawɔtwe wɔ hɔ. 7 Nnawɔtwe no mu da a ɛdi ɛkan no, yɛhyiaam sɛ anuanom didiiɛ. Esiane sɛ na adeɛ kye a Paulo bɛfiri kuro no mu no enti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kɔsii ɔdasuom. 8 Na nkanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wɔ hɔ no mu. 9 Ɛberɛ a Paulo rekasa no, na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee maa ɔfiri abansoro dan a ɛtɔ so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu. 10 Paulo siane baa fam, kɔbutuu ne so, maa ne so kaa sɛ, “Monnsuro, ɛfiri sɛ, ɔnwuiɛ!” 11 Afei, ɔsane foro kɔɔ abansoro no so kɔbubuu burodo ne asuafoɔ no diiɛ. Paulo toaa ne kasa no so kɔsii adekyeɛ ansa na ɔregya wɔn hɔ. 12 Anuanom no de anigyeɛ de aberanteɛ a wɔnyanee no no kɔɔ efie. 13 Yɛde ɛhyɛn dii ɛkan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, na waka akyerɛ yɛn sɛ ɔrefa fam akɔ hɔ. 14 Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene. 15 Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Kio. Ne nnanu so no, yɛbɛduruu Samo; na nʼadekyeeɛ no, yɛbɛduruu Mileto. 16 Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ, sɛ ɛbɛtumi a ɔbɛduru Yerusalem akɔdi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia. 17 Paulo soma firii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanimfoɔ no sɛ wɔnhyia no. 18 Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a mebaa Asia no, monim ɛkwan a mefaa so ne mo tenaeɛ. 19 Ɛwom sɛ ɛnam Yudafoɔ no pɔbɔ so maa mehunuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛaseɛ ne nisuo yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade ɔsomfoɔ. 20 Monim sɛ ɛberɛ a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ dwam ne afie mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfasoɔ no anhinta mo. 21 Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni. 22 “Afei, ɛsiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no enti, merekɔ Yerusalem a mennim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ. 23 Deɛ menim ara ne sɛ kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahunu amane. 24 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no enti, mammu me kra sɛ adeɛ a ɛsom bo. 25 “Menim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhunu me bio. 26 Ɛno enti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na ɛmfiri me. 27 Ɛfiri sɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhinta mo. 28 Monhwɛ mo ho so ne nnwankuo a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfoɔ no yie. Monhwɛ wɔn yie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. 29 Menim sɛ me kɔ akyi no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bɛwura mo mu abɛsɛe mo. 30 Ɛberɛ bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atorɔ so atwe asuafoɔ no mu bi adi wɔn akyi. 31 Ɛno enti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirinhyia mmiɛnsa a medii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yea mu tuu mo fo awia ne anadwo. 32 “Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a ɛtumi hyɛ mo gyidie den na ɛma monya nʼagyapadeɛ a wasiesie ama ahotefoɔ no nsa. 33 Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntoma. 34 Mo ara modi adanseɛ sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. 35 Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛsoɔ akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafoɔ na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kaa sɛ, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.’” 36 Paulo kasa wieeɛ no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. 37 Wɔn nyinaa suiɛ, bam no, maa no nanteyie. 38 Deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛhoɔ koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔrenhunu no bio no. Afei, wɔn nyinaa kɔgyaa no ɛhyɛn no mu.

< Asomafoɔ 20 >