< Asomafoɔ 19 >

1 Ɛberɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu ɛkwan faa ɔmantam no atifi kɔduruu Efeso. Ɛhɔ na ɔhunuu agyidifoɔ bi 2 bisaa wɔn sɛ, “Ɛberɛ a mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron no anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.” 3 Paulo bisaa wɔn bio sɛ, “Ɛnneɛ na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?” Wɔbuaa sɛ, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.” 4 Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yohane asubɔ no yɛ ahonu asubɔ. Ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔnnye onipa a ɔdi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.” 5 Wɔtee saa asɛm yi no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. 6 Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so maa wɔkaa kasa foforɔ, hyɛɛ nkɔm. 7 Na wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima dumienu. 8 Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm wɔ hyiadan mu abosome mmiɛnsa pɛɛ sɛ ɔsakyera nnipa no adwene. 9 Nanso, nnipa no mu bi pirimm wɔn akoma, annye nni, kasa tiaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho wɔ atiefoɔ no anim. Enti, Paulo firii hɔ de agyidifoɔ no kaa ne ho kɔeɛ. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano suadan mu daa. 10 Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafoɔ ne Helafoɔ ka ho no tee Awurade asɛm no. 11 Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwanwadeɛ akɛseakɛseɛ, 12 maa mpo ne nnuku ne nʼatadeɛ nsɛnanimu a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso. 13 Yudafoɔ bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no sɛ, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, montu mfiri ne mu!” 14 Yudafoɔ sɔfopanin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ yei. 15 Honhommɔne no buaa sɛ, “Menim Yesu, na menim Paulo; na mo nso mone ɛhefoɔ?” 16 Afei, ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi to hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn maa wɔde adagya dwane firii efie hɔ. 17 Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔte Efeso no tee asɛm yi no, wɔbɔɔ hu na wɔyii Awurade Yesu ayɛ. 18 Agyidifoɔ no mu bebree baa badwa mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kɔkoamsɛm. 19 Wɔn mu nkonyaayifoɔ pii de wɔn nkonyaayie nwoma baeɛ maa wɔhyee wɔ nnipa no nyinaa anim. Wɔbuu nwoma a wɔhyeeɛ no boɔ no na ɛyɛ nnwetɛbena ɔpeduonum. 20 Saa anwanwadeɛ ahodoɔ yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛɛ tumi so. 21 Yeinom nyinaa akyi no Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkaa sɛ, “Meduru Yerusalem a, akyire no mɛkɔ Roma nso.” 22 Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafoɔ no dii nʼanim ɛkan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra. 23 Saa ɛberɛ yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho sii wɔ Efeso. 24 Dwetɛdwumfoɔ bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfoɔ nyaa wɔn ho sei tam. 25 Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ no ne wɔn a wɔdi saa dwuma ahodoɔ no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, monim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadie yi so. 26 Mo ara moahunu, na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka sɛ, anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adane nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa. 27 Sɛ yɛanhwɛ no yie a, yɛn adwuma yi bɛgye din bɔne. Saa ara nso na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne ewiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.” 28 Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kaeɛ no, wɔn bo fuiɛ, hyɛɛ aseɛ yɛɛ basabasa, teateaam sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” 29 Basabasayɛ no trɛɛ wɔ kuro no mu nyinaa. Ɛdɔm no kyeree Makedoniafoɔ baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu ɛkwan no de wɔn kɔɔ adwabɔeɛ. 30 Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ adwabɔeɛ hɔ kɔhyia dɔm no, nanso asuafoɔ no amma no kwan. 31 Ɔmantam no mu mpanin no mu bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ adwabɔeɛ hɔ. 32 Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teateaam kaa nsɛm bi, na ebinom nso teaam kaa nsɛm foforɔ bi, ɛfiri sɛ, na wɔn mu dodoɔ no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abɛhyia mu. 33 Yudafoɔ no piapiaa Aleksandro kɔgyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Yei maa nnipa no bi susuu sɛ Aleksandro enti na wɔahyia hɔ. Afei, Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfoɔ ano. 34 Ɛdɔm no hunuu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no pɛ, wɔteateaam nnɔnhwere mmienu sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” 35 Kuro no sohwɛfoɔ no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei, ɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kuro yi na ɛhwɛ Artemi asɔrefie ne ohoni a ɛfiri soro bɛduruiɛ no so. 36 Obiara rentumi nnye yei ho akyinnyeɛ enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. 37 Mode saa nnipa yi aba ha wɔ ɛberɛ a wɔnwiaa biribiara mfirii yɛn asɔrefie, nkaa asɛmmɔne biara ntiaa yɛn nyame no. 38 Sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne mpanin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto dwa. 39 Nanso, sɛ mowɔ biribi foforɔ bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ hyia, fa mmara kwan so ka ho asɛm. 40 Sɛ yɛanhwɛ yie a, wɔbɛka sɛ saa ɛnnɛ basabasayɛ yi firi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wɔbisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyie biara.” 41 Ɔkasa wieeɛ no, ɔtuu dwa no.

< Asomafoɔ 19 >