< Nnwom 127 >

1 Ɔsoroforo dwom. Salomo de. Sɛ Awurade ansi ɔdan no a, adansifo no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa. 2 Sɛ wosɔre anɔpahema na wotena kosi anadwo, na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a, ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu. 3 Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a efi no. 4 Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam. 5 Nhyira ne onipa a nʼagyan kotoku ayɛ ma. Nʼanim rengu ase bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.

< Nnwom 127 >