< Nnwom 126 >

1 Ɔsoroforo dwom. Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no, yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae. 2 Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se, “Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.” 3 Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn, na anigye ahyɛ yɛn ma. 4 Awurade, san fa yɛn siade ma yɛn, te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no. 5 Wɔn a wodua no nusu mu no de anigye nnwom betwa. 6 Wɔn a wɔde osu fi adi so aba a wɔrekodua no, de anigye nnwom bɛsan aba a wɔsoso nnɔbae afiafi.

< Nnwom 126 >