< Nnwom 122 >

1 Ɔsoroforo dwom. Dawid de. Me ne wɔn a wosee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei. 2 Yegyinagyina wʼaponkɛse ano, Yerusalem. 3 Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔn wahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ. 4 Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ, Awurade mmusuakuw no, Wɔkɔkamfo Awurade din, sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te. 5 Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi, Dawid fi nhengua no. 6 Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ. 7 Ma asomdwoe mmra wʼafasu mu na bammɔ mmra wʼaban mu.” 8 Me nuanom ne me nnamfonom nti, mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.” 9 Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti, mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ.

< Nnwom 122 >