< Nnwom 121 >

1 Ɔsoroforo dwom. Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me mmoa fi bɛba? 2 Me mmoa fi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfo no. 3 Ɔremma wo nan nwatiri, nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko. 4 Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel no rentɔ nko na ɔrenna. 5 Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so; 6 Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu, na ɔsram nso rensɛe wo anadwo. 7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so; 8 Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so mprempren ne daa.

< Nnwom 121 >