< Romans 16 >

1 I commend to you Phoebe, our sister, who is a servant of the assembly that is at Cenchreae,
Mede yɛn nuabea Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa.
2 that you receive her in the Lord in a way worthy of the saints, and that you assist her in whatever matter she may need from you, for she herself also has been a helper of many, and of my own self.
Munnye no wɔ Awurade din mu sɛnea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfo yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Efisɛ waboa nnipa bebree ne me nso.
3 Greet Prisca and Aquila, my fellow workers in Christ Jesus,
Mikyia Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu
4 who risked their own necks for my life, to whom not only I give thanks, but also all the assemblies of the Gentiles.
a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree; ɛnyɛ me nko, na mmom amanamanmufo asafo no nyinaa.
5 Greet the assembly that is in their house. Greet Epaenetus, my beloved, who is the first fruits of Achaia to Christ.
Asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso mikyia wɔn. Munkyia mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a odii kan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.
6 Greet Mary, who labored much for us.
Mikyia Maria a ɔyɛɛ adwuma dennen maa me no nso.
7 Greet Andronicus and Junia, my relatives and my fellow prisoners, who are notable among the apostles, who were also in Christ before me.
Mikyia Androniko ne Yunia. Mikyia me nuanom Yudafo a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yiye wɔ asomafo no mu, na wodii me kan wɔ Kristo mu no.
8 Greet Amplias, my beloved in the Lord.
Mikyia mʼAwurade mu dɔfo Amplia.
9 Greet Urbanus, our fellow worker in Christ, and Stachys, my beloved.
Mikyia Ubano a yɛne no somee wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mikyia mʼadamfo pa Staki.
10 Greet Apelles, the approved in Christ. Greet those who are of the household of Aristobulus.
Mikyia Apele a ne Kristosom mu nokware ada adi no. Mikyia Aristobulo abusuafo nyinaa.
11 Greet Herodion, my kinsman. Greet them of the household of Narcissus, who are in the Lord.
Mikyia me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Kristofo a wofi Narkiso fi.
12 Greet Tryphaena and Tryphosa, who labor in the Lord. Greet Persis, the beloved, who labored much in the Lord.
Mikyia Trifaina ne Trifosa mmea a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mikyia mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbea a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.
13 Greet Rufus, the chosen in the Lord, and his mother and mine.
Mikyia Rufo a wadi dwuma kɛse wɔ Awurade som mu no. Mikyia Rufo a ɔfaa me sɛ ne ba no nso.
14 Greet Asyncritus, Phlegon, Hermes, Patrobas, Hermas, and the brothers who are with them.
Mikyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Kristofo a wɔka wɔn ho nyinaa.
15 Greet Philologus and Julia, Nereus and his sister, and Olympas, and all the saints who are with them.
Mikyia Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne Onyankopɔn manfo a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.
16 Greet one another with a holy kiss. The assemblies of Christ greet you.
Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho mo ho. Kristo asafo no nyinaa kyia mo.
17 Now I beg you, brothers, look out for those who are causing the divisions and occasions of stumbling, contrary to the doctrine which you learned, and turn away from them.
Anuanom, mitu mo fo se monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforo gyidi na wotia nkyerɛkyerɛ a moanya no yiye no; montwe mo ho mfi wɔn ho.
18 For those who are such don’t serve our Lord Jesus Christ, but their own belly; and by their smooth and flattering speech they deceive the hearts of the innocent.
Efisɛ wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom wɔsom biribiara a wɔpɛ na eye ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wonnim hwee.
19 For your obedience has become known to all. I rejoice therefore over you. But I desire to have you wise in that which is good, but innocent in that which is evil.
Obiara ate gyidi a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu no. Ɛno nti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani tew wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho.
20 And the God of peace will quickly crush Satan under your feet. The grace of our Lord Jesus Christ be with you.
Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan wɔ mo anan ase. Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo.
21 Timothy, my fellow worker, greets you, as do Lucius, Jason, and Sosipater, my relatives.
Me yɔnko Timoteo se okyia mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafo no nso kyia mo.
22 I, Tertius, who write the letter, greet you in the Lord.
Me Tertio, a meyɛ ɔkyerɛwfo ma Paulo yi nso, mede Awurade din kyia mo.
23 Gaius, my host and host of the whole assembly, greets you. Erastus, the treasurer of the city, greets you, as does Quartus, the brother.
Gaio a asafo no hyia wɔ ne fi no nso kyia mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne yɛn nua Kwarto se wokyia mo.
24 The grace of our Lord Jesus Christ be with you all! Amen.
Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.
25 Now to him who is able to establish you according to my Good News and the preaching of Jesus Christ, according to the revelation of the mystery which has been kept secret through long ages, (aiōnios g166)
Momma yenyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na otumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidi mu sɛnea mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛnea medaa nokware ahintasɛm a efi teteete no adi kyerɛɛ mo no, (aiōnios g166)
26 but now is revealed, and by the Scriptures of the prophets, according to the commandment of the eternal God, is made known for obedience of faith to all the nations; (aiōnios g166)
wɔnam adiyifo kyerɛwsɛm a efi Onyankopɔn Teasefo no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahu sɛnea aman nyinaa begye adi na wɔayɛ osetie ama no. (aiōnios g166)
27 to the only wise God, through Jesus Christ, to whom be the glory forever! Amen. (aiōn g165)
Ɔno, Onyankopɔn nyansafo no na anuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen. (aiōn g165)

< Romans 16 >