< Romans 15 >

1 Now we who are strong ought to bear the weaknesses of the weak, and not to please ourselves.
Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidi mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛw no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani.
2 Let each one of us please his neighbor for that which is good, to be building him up.
Yɛn mu biara nkamfo ade pa biara a ne yɔnko yɛ mfa nhyɛ no den.
3 For even Christ didn’t please himself. But, as it is written, “The reproaches of those who reproached you fell on me.”
Kristo mpo anyɛ nea ɔpɛ, sɛnea Kyerɛwsɛm ka se, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.”
4 For whatever things were written before were written for our learning, that through perseverance and through encouragement of the Scriptures we might have hope.
Biribiara a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso.
5 Now the God of perseverance and of encouragement grant you to be of the same mind with one another according to Christ Jesus,
Onyankopɔn a yenya boasetɔ ne nkuranhyɛ fi ne nkyɛn no mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi,
6 that with one accord you may with one mouth glorify the God and Father of our Lord Jesus Christ.
sɛnea ɛbɛyɛ a mo nyinaa de koma koro ne ano koro bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.
7 Therefore accept one another, even as Christ also accepted you, to the glory of God.
Munnyigye mo ho mo ho nto mu mfa nkamfo Onyankopɔn sɛnea Kristo agye mo no.
8 Now I say that Christ has been made a servant of the circumcision for the truth of God, that he might confirm the promises given to the fathers,
Efisɛ meka kyerɛɛ mo se Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafo somfo de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu,
9 and that the Gentiles might glorify God for his mercy. As it is written, “Therefore I will give praise to you among the Gentiles and sing to your name.”
na wama amanamanmufo nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Eyi nti mɛkamfo wo wɔ amanamanmufo mu; na mato nnwom akamfo wo din.”
10 Again he says, “Rejoice, you Gentiles, with his people.”
Na ɛka bio se, “Mo amanamanmufo, monkamfo Awurade, mo ne ne nkurɔfo Yudafo.”
11 Again, “Praise the Lord, all you Gentiles! Let all the peoples praise him.”
Bio, “Amanamanmufo nyinaa nyi Awurade ayɛ; asase so aman nyinaa monkamfo no.”
12 Again, Isaiah says, “There will be the root of Jesse, he who arises to rule over the Gentiles; in him the Gentiles will hope.”
Na Yesaia ka bio se, “Yisai aseni bɛsɔre, nea ɔbɛsɔre abedi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so.”
13 Now may the God of hope fill you with all joy and peace in believing, that you may abound in hope in the power of the Holy Spirit.
Anidaso Nyankopɔn no a mugye no di no mfa anigye ne asomdwoe nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidaso mmoroso.
14 I myself am also persuaded about you, my brothers, that you yourselves are full of goodness, filled with all knowledge, able also to admonish others.
Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mubetumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho.
15 But I write the more boldly to you in part as reminding you, because of the grace that was given to me by God,
Mede akokoduru akyerɛw abobɔ nneɛma bi so, sɛnea meretwe mo adwene akɔ so bio, esiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no nti.
16 that I should be a servant of Christ Jesus to the Gentiles, serving as a priest of the Good News of God, that the offering up of the Gentiles might be made acceptable, sanctified by the Holy Spirit.
Meyɛ Kristo Yesu somfo a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a amanamanmufo bɛyɛ afɔrebɔde a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no atew ho.
17 I have therefore my boasting in Christ Jesus in things pertaining to God.
Ɛno nti mitumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu.
18 For I will not dare to speak of any things except those which Christ worked through me for the obedience of the Gentiles, by word and deed,
Nea mɛka ho asɛm ara ne sɛnea Kristo nam nea maka ne nea mayɛ so ama amanamanmufo ayɛ osetie ama Onyankopɔn no.
19 in the power of signs and wonders, in the power of God’s Spirit; so that from Jerusalem and around as far as to Illyricum, I have fully preached the Good News of Christ;
Saa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi yɛ tumi a efi Honhom no mu. Enti efi Yerusalem de kosi Iliriko no, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa.
20 yes, making it my aim to preach the Good News, not where Christ was already named, that I might not build on another’s foundation.
Na me botae ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ misii dan wɔ obi fapem so.
21 But, as it is written, “They will see, to whom no news of him came. They who haven’t heard will understand.”
Mmom sɛnea wɔakyerɛw no: “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.”
22 Therefore also I was hindered these many times from coming to you,
Eyi nti na bere biara a mepɛ sɛ meba mo nkyɛn no, biribi siw me kwan.
23 but now, no longer having any place in these regions, and having these many years a longing to come to you,
Nanso mprempren a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfe bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abehu mo no nti,
24 whenever I travel to Spain, I will come to you. For I hope to see you on my journey, and to be helped on my way there by you, if first I may enjoy your company for a while.
mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mehu mo na moaboa me ama makɔ hɔ bere a me ne mo atena anigye so kakraa bi no.
25 But now, I say, I am going to Jerusalem, serving the saints.
Mprempren ara, merekɔ Yerusalem akɔsom Onyankopɔn manfo a wɔwɔ hɔ no.
26 For it has been the good pleasure of Macedonia and Achaia to make a certain contribution for the poor among the saints who are at Jerusalem.
Efisɛ asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafo a wɔfra Onyankopɔn manfo a wɔwɔ Yerusalem no mu.
27 Yes, it has been their good pleasure, and they are their debtors. For if the Gentiles have been made partakers of their spiritual things, they owe it to them also to serve them in material things.
Wɔn ara na wosii wɔn adwene pi saa, nanso nokware ni, ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa saa ahiafo no. Amanamanmufo no nyaa Yudafo honhom no mu nhyira no bi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ amanamanmufo no de wɔn ahode som Yudafo no.
28 When therefore I have accomplished this, and have sealed to them this fruit, I will go on by way of you to Spain.
Sɛ miwie saa dwumadi yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mefi hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a mɛba mo hɔ abɛsra mo.
29 I know that when I come to you, I will come in the fullness of the blessing of the Good News of Christ.
Sɛ meba mo nkyɛn a, minim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.
30 Now I beg you, brothers, by our Lord Jesus Christ and by the love of the Spirit, that you strive together with me in your prayers to God for me,
Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpae dennen mma me.
31 that I may be delivered from those who are disobedient in Judea, and that my service which I have for Jerusalem may be acceptable to the saints,
Mommɔ mpae, sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpae mma wɔn a wonnye asɛm no nni. Afei nso mommɔ mpae mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛnea ɛbɛyɛ a ahotefo a wɔwɔ hɔ no begye ato mu.
32 that I may come to you in joy through the will of God, and together with you, find rest.
Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a mede ahosɛpɛw bɛba mo nkyɛn abɛsra mo.
33 Now the God of peace be with you all. Amen.
Asomdwoe Nyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.

< Romans 15 >