< Revelation 5 >

1 I saw, in the right hand of him who sat on the throne, a book written inside and outside, sealed shut with seven seals.
Mehunuu sɛ deɛ ɔte ahennwa so no kura nwoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔatwerɛ akyire ne animu nyinaa a wɔde nsɔano nson asosɔ ano.
2 I saw a mighty angel proclaiming with a loud voice, “Who is worthy to open the book, and to break its seals?”
Mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔte nsɔano no na ɔbue nwoma no mu?”
3 No one in heaven above, or on the earth, or under the earth, was able to open the book or to look in it.
Nanso, wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a ɔtumi buee nwoma no mu hwɛɛ mu.
4 Then I wept much, because no one was found worthy to open the book or to look in it.
Mesuu yie, ɛfiri sɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔhwɛ mu.
5 One of the elders said to me, “Don’t weep. Behold, the Lion who is of the tribe of Judah, the Root of David, has overcome: he who opens the book and its seven seals.”
Afei, ɔpanin baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ɔfiri Yuda abusuakuo mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na ɔbɛtumi atete nsɔano nson no na wabue nwoma no mu.”
6 I saw in the middle of the throne and of the four living creatures, and in the middle of the elders, a Lamb standing, as though it had been slain, having seven horns and seven eyes, which are the seven Spirits of God, sent out into all the earth.
Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no.
7 Then he came, and he took it out of the right hand of him who sat on the throne.
Odwammaa no kɔgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa so no nsa nifa mu.
8 Now when he had taken the book, the four living creatures and the twenty-four elders fell down before the Lamb, each one having a harp, and golden bowls full of incense, which are the prayers of the saints.
Ɔyɛɛ saa no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutuu Odwammaa no anim. Na wɔn mu biara kura sankuo ne sika ayowaa a aduhwam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefoɔ mpaeɛ.
9 They sang a new song, saying, “You are worthy to take the book and to open its seals, for you were killed, and bought us for God with your blood out of every tribe, language, people, and nation,
Wɔtoo dwom foforɔ sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma no na wote ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔkumm wo, na ɛnam wo wuo so maa wɔtɔɔ nnipa firii aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.
10 and made us kings and priests to our God; and we will reign on the earth.”
Wɔayɛ wɔn asɔfoɔ ahemman sɛ wɔnsom yɛn Onyankopɔn na wɔbɛdi asase so ɔhene.”
11 I looked, and I heard something like a voice of many angels around the throne, the living creatures, and the elders. The number of them was ten thousands of ten thousands, and thousands of thousands,
Bio mehwɛeɛ, tee abɔfoɔ mpempem nka. Na wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no ho ahyia
12 saying with a loud voice, “Worthy is the Lamb who has been killed to receive the power, wealth, wisdom, strength, honor, glory, and blessing!”
reto dwom denden sɛ, “Odwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden ne anidie ne animuonyam ne nkamfoɔ!”
13 I heard every created thing which is in heaven, on the earth, under the earth, on the sea, and everything in them, saying, “To him who sits on the throne and to the Lamb be the blessing, the honor, the glory, and the dominion, forever and ever! Amen!” (aiōn g165)
Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ɛpo mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ewiase nyinaa reto dwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi, nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no, (aiōn g165)
14 The four living creatures said, “Amen!” Then the elders fell down and worshiped.
Abɔdeɛ ɛnan no gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ.

< Revelation 5 >