< Romans 1 >

1 Paul, a servant of Jesus Christ, called to be an apostle, set apart for the Good News of God,
Nnwoma yi firi me, Paulo, Yesu Kristo ɔsomfoɔ a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafoɔ a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn.
2 which he promised before through his prophets in the holy Scriptures,
Wɔnam Onyankopɔn adiyifoɔ so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dada no mu.
3 concerning his Son, who was born of the offspring of David according to the flesh,
Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akɔkoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho.
4 who was declared to be the Son of God with power according to the Spirit of holiness, by the resurrection from the dead, Jesus Christ our Lord,
Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, ɛfiri sɛ, wɔnyanee no firii awufoɔ mu.
5 through whom we received grace and apostleship for obedience of faith among all the nations for his name’s sake;
Ɛnam Kristo so enti na Onyankopɔn maa meyɛɛ ɔsomafoɔ maa Kristo, sɛdeɛ nnipa nyinaa nam gyidie so bɛyɛ ɔsetie ama Onyankopɔn.
6 among whom you are also called to belong to Jesus Christ;
Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifoɔ no nso, moka ho bi.
7 to all who are in Rome, beloved of God, called to be saints: Grace to you and peace from God our Father and the Lord Jesus Christ.
Ɛno enti, meretwerɛ mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
8 First, I thank my God through Jesus Christ for all of you, that your faith is proclaimed throughout the whole world.
Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mo gyidie a mowɔ no aduru ewiase afanan nyinaa.
9 For God is my witness, whom I serve in my spirit in the Good News of his Son, how unceasingly I make mention of you always in my prayers,
Onyankopɔn a mede mʼakoma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, deɛ meka no yɛ nokorɛ. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa.
10 requesting, if by any means now at last I may be prospered by the will of God to come to you.
Ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mentumi mmɛsra mo seesei ara.
11 For I long to see you, that I may impart to you some spiritual gift, to the end that you may be established;
Ɛfiri sɛ, mepere mehwehwɛ sɛ, mɛhunu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den.
12 that is, that I with you may be encouraged in you, each of us by the other’s faith, both yours and mine.
Deɛ mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden ɛberɛ korɔ mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den.
13 Now I don’t desire to have you unaware, brothers, that I often planned to come to you (and was hindered so far), that I might have some fruit among you also, even as among the rest of the Gentiles.
Me nuanom, monkae sɛ ɛberɛ biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛdeɛ mayɛ wɔ amanamanmufoɔ mu no.
14 I am debtor both to Greeks and to foreigners, both to the wise and to the foolish.
Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani ate ne wɔn a wɔn ani nteeɛ, wɔn a wɔasua adeɛ ne wɔn a wɔnsuaa adeɛ nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodie.
15 So as much as is in me, I am eager to preach the Good News to you also who are in Rome.
Ɛno enti, mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo.
16 For I am not ashamed of the Good News of Christ, because it is the power of God for salvation for everyone who believes, for the Jew first, and also for the Greek.
Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso.
17 For in it is revealed God’s righteousness from faith to faith. As it is written, “But the righteous shall live by faith.”
Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyidie so na wama yɛayɛ saa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.
18 For the wrath of God is revealed from heaven against all ungodliness and unrighteousness of men who suppress the truth in unrighteousness,
Onyankopɔn da nʼabufuo adi firi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔde nokorɛ no hinta afoforɔ no.
19 because that which is known of God is revealed in them, for God revealed it to them.
Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn akoma mu.
20 For the invisible things of him since the creation of the world are clearly seen, being perceived through the things that are made, even his everlasting power and divinity, that they may be without excuse. (aïdios g126)
Ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ ewiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nneɛma yi, enti wɔnni anoyie biara. (aïdios g126)
21 Because knowing God, they didn’t glorify him as God, and didn’t give thanks, but became vain in their reasoning, and their senseless heart was darkened.
Wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne anidie a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu.
22 Professing themselves to be wise, they became fools,
Wɔka sɛ wɔyɛ anyansafoɔ nanso wɔyɛ nkwaseafoɔ.
23 and traded the glory of the incorruptible God for the likeness of an image of corruptible man, and of birds, four-footed animals, and creeping things.
Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onimuonyamfoɔ a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne aboɔ yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa somm wɔn.
24 Therefore God also gave them up in the lusts of their hearts to uncleanness, that their bodies should be dishonored among themselves;
Ɛno enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afideɛ a ɛfiri wɔn akoma mu, ɛno enti, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwudeɛ nso.
25 who exchanged the truth of God for a lie, and worshiped and served the creature rather than the Creator, who is blessed forever. Amen. (aiōn g165)
Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorɔsɛm na wɔsomm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no. Amen. (aiōn g165)
26 For this reason, God gave them up to vile passions. For their women changed the natural function into that which is against nature.
Esiane saa enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwudeɛ. Na mpo wɔn mmaa fa wɔn yɔnkonom mmaa.
27 Likewise also the men, leaving the natural function of the woman, burned in their lust toward one another, men doing what is inappropriate with men, and receiving in themselves the due penalty of their error.
Saa ara nso na na mmarima ne mmaa nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn maa wɔne wɔn ho wɔn ho daeɛ nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn.
28 Even as they refused to have God in their knowledge, God gave them up to a reprobate mind, to do those things which are not fitting;
Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokorɛ no enti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom.
29 being filled with all unrighteousness, sexual immorality, wickedness, covetousness, malice; full of envy, murder, strife, deceit, evil habits, secret slanderers,
Amumuyɛ ahodoɔ nyinaa, bɔne, anibereɛ ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wɔdii nsekuro,
30 backbiters, hateful to God, insolent, arrogant, boastful, inventors of evil things, disobedient to parents,
kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforɔ ho; wɔkyirii Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutupɛ, ahantan ne ahomasoɔ. Na daa wɔdwene sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofoɔ asɛm.
31 without understanding, covenant breakers, without natural affection, unforgiving, unmerciful;
Na wɔnni suban; na wɔnni wɔn bɔhyɛ so; na wɔnni ayamyɛ ne ahummɔborɔ ma afoforɔ.
32 who, knowing the ordinance of God, that those who practice such things are worthy of death, not only do the same, but also approve of those who practice them.
Na wɔnim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase saa kwan so no sɛ owuo. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afideɛ no, na mmom, wɔpenee afoforɔ a wɔyɛɛ saa bɔne korɔ no ara bi no so.

< Romans 1 >