< Matthew 11 >

1 When Jesus had finished directing his twelve disciples, he departed from there to teach and preach in their cities.
Yesu wiee nʼasuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.
2 Now when John heard in the prison the works of Christ, he sent two of his disciples
Osuboni Yohane a saa bere no na ɔda afiase no tee anwonwade a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafo bebisaa no se,
3 and said to him, “Are you he who comes, or should we look for another?”
“Wo ne nea ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforo anim?”
4 Jesus answered them, “Go and tell John the things which you hear and see:
Yesu buaa wɔn se, “Monsan nkɔ nkɔka anwonwade a moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane se,
5 the blind receive their sight, the lame walk, the lepers are cleansed, the deaf hear, the dead are raised up, and the poor have good news preached to them.
anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, na awufo nso nyan. Afei monka nkyerɛ no se, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafo.
6 Blessed is he who finds no occasion for stumbling in me.”
Monsan nka nkyerɛ no bio se, Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”
7 As these went their way, Jesus began to say to the multitudes concerning John, “What did you go out into the wilderness to see? A reed shaken by the wind?
Yohane asuafo no kɔe no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Sare a mframa rebɔ no?
8 But what did you go out to see? A man in soft clothing? Behold, those who wear soft clothing are in kings’ houses.
Anaa na mususuw sɛ mubehu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfi?
9 But why did you go out? To see a prophet? Yes, I tell you, and much more than a prophet.
Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo.
10 For this is he, of whom it is written, ‘Behold, I send my messenger before your face, who will prepare your way before you.’
Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se, “‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.’
11 Most certainly I tell you, among those who are born of women there has not arisen anyone greater than John the Baptizer; yet he who is least in the Kingdom of Heaven is greater than he.
Nokware ni, nnipa a mmea awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a wagye din sɛ Osuboni Yohane. Nanso nea ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu no yɛ ɔkɛse sen no!
12 From the days of John the Baptizer until now, the Kingdom of Heaven suffers violence, and the violent take it by force.
Na efi bere a Osuboni Yohane fii ase kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfo asu de besi nnɛ no, Ɔsoro Ahenni no de tumi retrɛw na nnipadɔm a wɔn ani abere no refa no anuɔden so.
13 For all the prophets and the law prophesied until John.
Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifo ne Mose mmara no aka ɔsoro ahenni no ho asɛm dedaw.
14 If you are willing to receive it, this is Elijah, who is to come.
Sɛ mopɛ sɛ mote nea mereka no ase de a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm se ɔbɛba no.
15 He who has ears to hear, let him hear.
Nea ɔwɔ aso no, ontie!
16 “But to what shall I compare this generation? It is like children sitting in the marketplaces, who call to their companions
“Dɛn ho na metumi de nnɛmmafo yi atoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔte baabi redi agoru. Ɔfa ka kyerɛ ɔfa se,
17 and say, ‘We played the flute for you, and you didn’t dance. We mourned for you, and you didn’t lament.’
“‘Yɛtoo anigye nnwom maa mo, nso moansaw. Yɛtoo awerɛhow nnwom nso maa mo, nanso moansu.’
18 For John came neither eating nor drinking, and they say, ‘He has a demon.’
Yohane bae a onnidi na ɔnnom no, wose, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’
19 The Son of Man came eating and drinking, and they say, ‘Behold, a gluttonous man and a drunkard, a friend of tax collectors and sinners!’ But wisdom is justified by her children.”
Onipa Ba no bae a odidi na ɔnom no nso wose, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo fa nnamfo.’ Nanso nea efi Onyankopɔn nyansa mu ba no ma nokware da adi.”
20 Then he began to denounce the cities in which most of his mighty works had been done, because they didn’t repent.
Afei, ofii ase kaa nkurow a ɔyɛɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ nanso wɔansakra wɔn adwene no anim se,
21 “Woe to you, Chorazin! Woe to you, Bethsaida! For if the mighty works had been done in Tyre and Sidon which were done in you, they would have repented long ago in sackcloth and ashes.
“Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw.
22 But I tell you, it will be more tolerable for Tyre and Sidon on the day of judgment than for you.
Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon!
23 You, Capernaum, who are exalted to heaven, you will go down to Hades. For if the mighty works had been done in Sodom which were done in you, it would have remained until today. (Hadēs g86)
Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ amanehunu kurom. Anwonwade a meyɛɛ no wo hɔ no, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. (Hadēs g86)
24 But I tell you that it will be more tolerable for the land of Sodom on the day of judgment, than for you.”
Mereka nokware akyerɛ mo se, atemmuda no, Tiro ne Sodom benya gyinabea pa asen mo!”
25 At that time, Jesus answered, “I thank you, Father, Lord of heaven and earth, that you hid these things from the wise and understanding, and revealed them to infants.
Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ woanna nokware no adi ankyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wodaa nokware no adi kyerɛɛ mmofra nkumaa.
26 Yes, Father, for so it was well-pleasing in your sight.
Yiw, Agya, wopɛ mu na woma ɛbaa saa.
27 All things have been delivered to me by my Father. No one knows the Son, except the Father; neither does anyone know the Father, except the Son and he to whom the Son desires to reveal him.
“Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn.
28 “Come to me, all you who labor and are heavily burdened, and I will give you rest.
“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.
29 Take my yoke upon you and learn from me, for I am gentle and humble in heart; and you will find rest for your souls.
Momfa me konnua nto mo ho so, na munsua me, efisɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.
30 For my yoke is easy, and my burden is light.”
Efisɛ me konnua yɛ mmerɛw, na mʼadesoa yɛ hare.”

< Matthew 11 >