< Matthew 5 >

1 Seeing the multitudes, he went up onto the mountain. When he had sat down, his disciples came to him.
Ohuu nnipakuw no saa no, ɔkɔɔ bepɔw bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafo no kɔɔ ne nkyɛn.
2 He opened his mouth and taught them, saying,
Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn se,
3 “Blessed are the poor in spirit, for theirs is the Kingdom of Heaven.
“Nhyira ne wɔn a wonim sɛ wɔyɛ ahiafo wɔ honhom mu, na wɔn na ɔsoro ahenni yɛ wɔn dea.
4 Blessed are those who mourn, for they shall be comforted.
Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow, na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.
5 Blessed are the gentle, for they shall inherit the earth.
Nhyira ne ahobrɛasefo, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.
6 Blessed are those who hunger and thirst for righteousness, for they shall be filled.
Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn.
7 Blessed are the merciful, for they shall obtain mercy.
Nhyira ne wɔn a wohu mmɔbɔ, na wɔn na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ.
8 Blessed are the pure in heart, for they shall see God.
Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew, na wɔn na wobehu Onyankopɔn.
9 Blessed are the peacemakers, for they shall be called children of God.
Nhyira ne apatafo, na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.
10 Blessed are those who have been persecuted for righteousness’ sake, for theirs is the Kingdom of Heaven.
Nhyira ne wɔn a esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.
11 “Blessed are you when people reproach you, persecute you, and say all kinds of evil against you falsely, for my sake.
“Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so.
12 Rejoice, and be exceedingly glad, for great is your reward in heaven. For that is how they persecuted the prophets who were before you.
Momma mo ani nnye na monsɛpɛw mo ho, efisɛ mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Munhu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.”
13 “You are the salt of the earth, but if the salt has lost its flavor, with what will it be salted? It is then good for nothing, but to be cast out and trodden under the feet of men.
“Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Enye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu na nnipa tiatia so.
14 You are the light of the world. A city located on a hill can’t be hidden.
“Mone wiase kanea. Kurow a ɛda bepɔw so no ntumi nhintaw.
15 Neither do you light a lamp and put it under a measuring basket, but on a stand; and it shines to all who are in the house.
Wɔnnsɔ kanea mfa nsie, na mmom wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ofi no mu no nyinaa.
16 Even so, let your light shine before men, that they may see your good works and glorify your Father who is in heaven.
Saa ara na momma mo nneyɛe pa nna adi mma nnipa nhu na wɔafa so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”
17 “Don’t think that I came to destroy the law or the prophets. I didn’t come to destroy, but to fulfill.
“Munnsusuw sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifo no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom maba sɛ merebɛhyɛ no ma sɛnea ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ.
18 For most certainly, I tell you, until heaven and earth pass away, not even one smallest letter or one tiny pen stroke shall in any way pass away from the law, until all things are accomplished.
Munhu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu.
19 Therefore, whoever shall break one of these least commandments and teach others to do so, shall be called least in the Kingdom of Heaven; but whoever shall do and teach them shall be called great in the Kingdom of Heaven.
Eyi nti, obiara a obebu mmara nsɛm no mu fa bi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso abu mmara nsɛm no mu fa bi so no bɛyɛ akumaa ɔsoro ahenni mu. Na obiara a obedi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso adi mmara no so no bɛyɛ ɔkɛse Ɔsoro Ahenni mu.
20 For I tell you that unless your righteousness exceeds that of the scribes and Pharisees, there is no way you will enter into the Kingdom of Heaven.
Enti merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahenni mu de a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde sen nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ne Farisifo no yɛ.
21 “You have heard that it was said to the ancient ones, ‘You shall not murder;’ and ‘Whoever murders will be in danger of the judgment.’
“Mose mmara no ka se, ‘Nea odi awu no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wokum no bi.’
22 But I tell you that everyone who is angry with his brother without a cause will be in danger of the judgment. Whoever says to his brother, ‘Raca!’ will be in danger of the council. Whoever says, ‘You fool!’ will be in danger of the fire of Gehenna. (Geenna g1067)
Na me de, nea mereka ne sɛ, obiara a ne bo befuw ne nua no, wobebu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛyeyaw ne nua no, wɔbɛfrɛ no wɔ mpanyin anim. Afei obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua se, ‘Ogyimifo’ no bɛkɔ amanehunu gya mu. (Geenna g1067)
23 “If therefore you are offering your gift at the altar, and there remember that your brother has anything against you,
“Enti sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔre na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a,
24 leave your gift there before the altar, and go your way. First be reconciled to your brother, and then come and offer your gift.
gyae afɔre no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbɔ mu ansa na woakɔbɔ wʼafɔre no.
25 Agree with your adversary quickly while you are with him on the way; lest perhaps the prosecutor deliver you to the judge, and the judge deliver you to the officer, and you be cast into prison.
“Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asennii ankɔma otemmufo, na otemmufo no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfo nsa, na afiasehwɛfo no amfa wo ankɔto afiase.
26 Most certainly I tell you, you shall by no means get out of there until you have paid the last penny.
Mereka no nokware akyerɛ mo se, ansa na wubefi asennii hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afi wo hɔ no.
27 “You have heard that it was said, ‘You shall not commit adultery;’
“Mose mmara no ka se, ‘Nsɛe aware.’
28 but I tell you that everyone who gazes at a woman to lust after her has committed adultery with her already in his heart.
Na me de, nea mereka ne sɛ: Obiara a ohu ɔbea na ne kɔn dɔ no ne koma mu no, abɔ aguaman.
29 If your right eye causes you to stumble, pluck it out and throw it away from you. For it is more profitable for you that one of your members should perish than for your whole body to be cast into Gehenna. (Geenna g1067)
Sɛ wʼani baako a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetu atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua no nyinaa akyene amanehunu gya mu. (Geenna g1067)
30 If your right hand causes you to stumble, cut it off, and throw it away from you. For it is more profitable for you that one of your members should perish, than for your whole body to be cast into Gehenna. (Geenna g1067)
Saa ara nso na sɛ wo nsa a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetwa atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua nyinaa akyene amanehunu gya mu. (Geenna g1067)
31 “It was also said, ‘Whoever shall put away his wife, let him give her a writing of divorce,’
“Mose mmara no ka se, ‘Obiara a obegyaa ne yere no mma no awaregyae krataa.’
32 but I tell you that whoever puts away his wife, except for the cause of sexual immorality, makes her an adulteress; and whoever marries her when she is put away commits adultery.
Na me de, nea mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman na ɔbea no san kɔware bio a, na ɔbarima a ogyaa no no ama ɔbea no asɛe aware. Ɔbarima foforo a ɔbɛware ɔbea no nso asɛe aware saa ara.
33 “Again you have heard that it was said to the ancient ones, ‘You shall not make false vows, but shall perform to the Lord your vows,’
“Bio, Mose mmara no ka se, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom di bɔ a woahyɛ no no so.’
34 but I tell you, don’t swear at all: neither by heaven, for it is the throne of God;
Na me de, nea mereka ne sɛ: Monnka ntam mmfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua.
35 nor by the earth, for it is the footstool of his feet; nor by Jerusalem, for it is the city of the great King.
Monnnɔ fam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn nan ase agua. Monnnɔ Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kuropɔn.
36 Neither shall you swear by your head, for you can’t make one hair white or black.
Mfa wo ti nka ntam, efisɛ worentumi nnan tinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum.
37 But let your ‘Yes’ be ‘Yes’ and your ‘No’ be ‘No.’ Whatever is more than these is of the evil one.
Momma mo nsɛm nyɛ ‘Yiw’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ Yiw anaa dabi no fi ɔbonsam.
38 “You have heard that it was said, ‘An eye for an eye, and a tooth for a tooth.’
“Mose mmara no ka se, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne de bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne de bi.’
39 But I tell you, don’t resist him who is evil; but whoever strikes you on your right cheek, turn to him the other also.
Na me de, nea mereka ne se: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dan benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu.
40 If anyone sues you to take away your coat, let him have your cloak also.
Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatade nhyɛase a, worɔw wʼatade nguguso ka ho ma no.
41 Whoever compels you to go one mile, go with him two.
Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnantew ɔkwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansin abien.
42 Give to him who asks you, and don’t turn away him who desires to borrow from you.
Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.
43 “You have heard that it was said, ‘You shall love your neighbor and hate your enemy.’
“Moate sɛ wɔaka se, ‘Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo.’
44 But I tell you, love your enemies, bless those who curse you, do good to those who hate you, and pray for those who mistreat you and persecute you,
Na me de, nea mereka ne sɛ: monnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo.
45 that you may be children of your Father who is in heaven. For he makes his sun to rise on the evil and the good, and sends rain on the just and the unjust.
Eyi bɛma moayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, efisɛ ɔma ne owia pue, ma ne osu tɔ ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa pɛ.
46 For if you love those who love you, what reward do you have? Don’t even the tax collectors do the same?
Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mubenya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso yɛ?
47 If you only greet your friends, what more do you do than others? Don’t even the tax collectors do the same?
Sɛ mukyia wɔn a munim wɔn nko ara a, nsonoe bɛn na ɛda mo ne afoforo ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso yɛ?
48 Therefore you shall be perfect, just as your Father in heaven is perfect.
Enti monyɛ pɛ sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ pɛ no.

< Matthew 5 >