< Ezekiel 25 >

1 Yahweh’s word came to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 “Son of man, set your face toward the children of Ammon, and prophesy against them.
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfo so na hyɛ nkɔm tia wɔn.
3 Tell the children of Ammon, ‘Hear the word of the Lord Yahweh! The Lord Yahweh says, “Because you said, ‘Aha!’ against my sanctuary when it was profaned, and against the land of Israel when it was made desolate, and against the house of Judah when they went into captivity,
Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Otumfo Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wokaa “Ɛhɛɛ” guu me kronkronbea so bere a woguu ho fi ne Israel asase bere a ɛdaa mpan, ne Yudafo bere a wɔkɔɔ nnommum mu
4 therefore, behold, I will deliver you to the children of the east for a possession. They will set their encampments in you and make their dwellings in you. They will eat your fruit and they will drink your milk.
nti, mede mo rebɛma nnipa a wofi Apuei fam na wɔde mo ayɛ wɔn de. Wɔbɛkyekye wɔn nsraban, asisi wɔn ntamadan wɔ mo mu; wobedi mo nnuaba na wɔanom mo nufusu.
5 I will make Rabbah a stable for camels and the children of Ammon a resting place for flocks. Then you will know that I am Yahweh.”
Mɛdan Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ faako a nguan gye wɔn ahome. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.
6 For the Lord Yahweh says: “Because you have clapped your hands, stamped with the feet, and rejoiced with all the contempt of your soul against the land of Israel,
Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ moabɔ mo nsam de mo anan apempem hɔ, na mode koma mu bɔne nyinaa adi ahurusi atia Israel asase nti,
7 therefore, behold, I have stretched out my hand on you, and will deliver you for a plunder to the nations. I will cut you off from the peoples, and I will cause you to perish out of the countries. I will destroy you. Then you will know that I am Yahweh.”
mɛteɛ me nsa atia mo na moayɛ asade ama amanaman no. Metwa mo afi amanaman no mu na matɔre mo ase wɔ nsase no so. Mɛsɛe mo na mubehu sɛ mene Awurade no.’”
8 “‘The Lord Yahweh says: “Because Moab and Seir say, ‘Behold, the house of Judah is like all the nations,’
“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ Moab ne Seir kae se, “Monhwɛ, Yudafi ayɛ sɛ amanaman a aka no”
9 therefore, behold, I will open the side of Moab from the cities, from his cities which are on its frontiers, the glory of the country, Beth Jeshimoth, Baal Meon, and Kiriathaim,
nti, mebue Moab nkyɛn mu, afi nkurow a ɛdeda nʼahye so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no anuonyam.
10 to the children of the east, to go against the children of Ammon; and I will give them for a possession, that the children of Ammon may not be remembered among the nations.
Na mede Moab bɛka Amonfo ho ama nnipa a wɔwɔ Apuei fam de ayɛ wɔn de, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfo wɔ amanaman no mu;
11 I will execute judgments on Moab. Then they will know that I am Yahweh.”
na mɛtwe Moab aso. Na wobehu sɛ mene Awurade no.’”
12 “‘The Lord Yahweh says: “Because Edom has dealt against the house of Judah by taking vengeance, and has greatly offended, and taken revenge on them,”
“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ Edom tɔɔ were wɔ Yudafi so na ɔnam so dii fɔ no nti,
13 therefore the Lord Yahweh says, “I will stretch out my hand on Edom, and will cut off man and animal from it; and I will make it desolate from Teman. They will fall by the sword even to Dedan.
nea Otumfo Awurade se ni: ‘Mɛteɛ me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa, mɛma asase a ɛda Teman kosi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano.
14 I will lay my vengeance on Edom by the hand of my people Israel. They will do in Edom according to my anger and according to my wrath. Then they will know my vengeance,” says the Lord Yahweh.
Me nkurɔfo Israelfo bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so were na wɔne no bedi no sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew te; wobehu mʼaweretɔ, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
15 “‘The Lord Yahweh says: “Because the Philistines have taken revenge, and have taken vengeance with contempt of soul to destroy with perpetual hostility,”
“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ Filistifo tɔɔ were, na wɔde koma mu nsusuw bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtan a efi tete sɛee Yuda nti,
16 therefore the Lord Yahweh says, “Behold, I will stretch out my hand on the Philistines, and I will cut off the Cherethites, and destroy the remnant of the sea coast.
sɛnea Otumfo Awurade se ni: Merebɛteɛ me nsa atia Filistifo, na matwa Keretifo no agu na masɛe wɔn a wɔaka wɔ mpoano hɔ no.
17 I will execute great vengeance on them with wrathful rebukes. Then they will know that I am Yahweh, when I lay my vengeance on them.”’”
Mɛtɔ wɔn so were a ɛso na matwe wɔn aso wɔ mʼabufuwhyew mu. Na sɛ metɔ wɔn so were a, wobehu sɛ mene Awurade no.’”

< Ezekiel 25 >