< 1 Corinthians 15 >

1 Now I declare to you, brothers, the Good News which I preached to you, which also you received, in which you also stand,
Afei anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mugye too mu, nam so maa mo gyidi mu yɛɛ den no ho.
2 by which also you are saved, if you hold firmly the word which I preached to you—unless you believed in vain.
Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mukura asɛmpa yi mu dennen a, mubenya nkwa; gye sɛ moannye anni.
3 For I delivered to you first of all that which I also received: that Christ died for our sins according to the Scriptures,
Mekaa asɛm a metee a ɛho hia yiye no kyerɛɛ mo se, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea wɔakyerɛw no Kyerɛwsɛm no mu se
4 that he was buried, that he was raised on the third day according to the Scriptures,
wosiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre fii awufo mu sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no,
5 and that he appeared to Cephas, then to the twelve.
ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafo dumien no nyinaa.
6 Then he appeared to over five hundred brothers at once, most of whom remain until now, but some have also fallen asleep.
Afei mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifo bɛboro ahannum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu.
7 Then he appeared to James, then to all the apostles,
Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafo no nyinaa.
8 and last of all, as to the child born at the wrong time, he appeared to me also.
Akyiri no koraa na oyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm.
9 For I am the least of the apostles, who is not worthy to be called an apostle, because I persecuted the assembly of God.
Meyɛ obi a misua koraa wɔ asomafo no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo efisɛ metaa Onyankopɔn asafo.
10 But by the grace of God I am what I am. His grace which was given to me was not futile, but I worked more than all of them; yet not I, but the grace of God which was with me.
Nanso Onyankopɔn adom nti, mete sɛnea mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yiye. Ama matumi ayɛ adwuma dennen asen asomafo a aka no nyinaa a emfi mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu.
11 Whether then it is I or they, so we preach, and so you believed.
Enti sɛ efi me anaa efi wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mugye di.
12 Now if Christ is preached, that he has been raised from the dead, how do some among you say that there is no resurrection of the dead?
Afei sɛnea Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afi awufo mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka se wɔrentumi mma awufo nsɔre?
13 But if there is no resurrection of the dead, neither has Christ been raised.
Sɛ saa yɛ nokware de a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu.
14 If Christ has not been raised, then our preaching is in vain and your faith also is in vain.
Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yenni asɛm biara ka, na mo nso munni asɛm biara a mubegye adi.
15 Yes, we are also found false witnesses of God, because we testified about God that he raised up Christ, whom he didn’t raise up if it is true that the dead are not raised.
Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atoro afa Onyankopɔn ho, efisɛ yɛka se ɔno na onyan Kristo fii awufo mu. Na sɛ awufo ntumi nsɔre a, ɛno de na wɔamma Kristo nso ansɔre amfi awufo mu.
16 For if the dead aren’t raised, neither has Christ been raised.
Sɛ awufo ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre.
17 If Christ has not been raised, your faith is vain; you are still in your sins.
Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na mo gyidi no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu.
18 Then they also who are fallen asleep in Christ have perished.
Ɛsan kyerɛ sɛ, wɔn a na wogye Kristo di a wɔawuwu no ayera.
19 If we have only hoped in Christ in this life, we are of all men most pitiable.
Na sɛ yɛn anidaso wɔ Kristo mu no ye ma saa asetena yi nko ara a, ɛno de na yɛyɛ mmɔbɔ sen obiara a ɔwɔ wiase ha.
20 But now Christ has been raised from the dead. He became the first fruit of those who are asleep.
Nanso nokware a ɛwɔ mu ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afi awufo mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre.
21 For since death came by man, the resurrection of the dead also came by man.
Na sɛnea owu nam onipa so bae no, saa ara nso na owusɔre nam onipa so ba.
22 For as in Adam all die, so also in Christ all will be made alive.
Owu nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa.
23 But each in his own order: Christ the first fruits, then those who are Christ’s at his coming.
Nanso, biribiara bɛyɛ nnidiso nnidiso a Kristo na obedi kan, na sɛ Kristo di kan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne de no nso adi akyi.
24 Then the end comes, when he will deliver up the Kingdom to God the Father, when he will have abolished all rule and all authority and power.
Afei, sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfo ahoɔden ne tumi nyinaa a, awiei no bɛba, na ɔde Ahenni no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no.
25 For he must reign until he has put all his enemies under his feet.
Efisɛ ɛsɛ sɛ Kristo di hene kosi sɛ obedi nʼatamfo nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ nʼanan ase.
26 The last enemy that will be abolished is death.
Ɔtamfo a obedi ne so atwa to ne owu.
27 For, “He put all things in subjection under his feet.” But when he says, “All things are put in subjection”, it is evident that he is excepted who subjected all things to him.
Sɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase.
28 When all things have been subjected to him, then the Son will also himself be subjected to him who subjected all things to him, that God may be all in all.
Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.
29 Or else what will they do who are baptized for the dead? If the dead aren’t raised at all, why then are they baptized for the dead?
Sɛ owusɔre nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufo din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne dɛn? Sɛ ɛyɛ nokware sɛ nea wɔka se, wonnyan awufo mma nkwa mu a, adɛn nti na wɔbɔ awufo din bɔ wɔn asu?
30 Why do we also stand in jeopardy every hour?
Na adɛn na dɔnhwerew biara yɛde yɛn ho to amane mu?
31 I affirm, by the boasting in you which I have in Christ Jesus our Lord, I die daily.
Anuanom, da biara mihyia owu. Esiane Yesu nti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu no na ɛma meka eyi.
32 If I fought with animals at Ephesus for human purposes, what does it profit me? If the dead are not raised, then “let’s eat and drink, for tomorrow we die.”
Na sɛ ako a me ne “nkekammoa” dii wɔ Efeso no mu anidaso mmoro nnipa de so a anka dɛn na manya? Na sɛ wonnyan awufo mma nkwa mu a, ɛno de “Momma yennidi na yɛnnom, efisɛ ɔkyena yebewu” sɛnea wɔka no.
33 Don’t be deceived! “Evil companionships corrupt good morals.”
“Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.”
34 Wake up righteously and don’t sin, for some have no knowledge of God. I say this to your shame.
Momma mo ani mmra mo ho so sɛnea ɛsɛ na mumfi mo akwammɔne no so. Meka eyi de hyɛ mo aniwu sɛ mo mu ebinom nnim Onyankopɔn.
35 But someone will say, “How are the dead raised?” and, “With what kind of body do they come?”
Obi bebisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi ama awufo asɔre aba nkwa mu? Wɔde nipaduasu bɛn na ɛbɛba?”
36 You foolish one, that which you yourself sow is not made alive unless it dies.
Ɔkwasea! Sɛ wodua aba wɔ fam a, gye sɛ ewu ansa na afifi.
37 That which you sow, you don’t sow the body that will be, but a bare grain, maybe of wheat, or of some other kind.
Na nea wodua wɔ fam no yɛ aba kɛkɛ; ebia ɛyɛ ɔmo aba anaa aba foforo a ɛnyɛ afifide no a wɔatu atɛw a, ebenyin.
38 But God gives it a body even as it pleased him, and to each seed a body of its own.
Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no.
39 All flesh is not the same flesh, but there is one flesh of men, another flesh of animals, another of fish, and another of birds.
Honam a ɛkata ateasefo ho no nyinaa nyɛ honam koro. Nnipa wɔ honam baako; mmoa wɔ wɔn de; nnomaa wɔ wɔn de na nsumnam nso wɔ wɔn de.
40 There are also celestial bodies and terrestrial bodies; but the glory of the celestial differs from that of the terrestrial.
Ɔsoro nipadua wɔ hɔ na fam nipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro nipadua nko ara, na ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma fam nipadua.
41 There is one glory of the sun, another glory of the moon, and another glory of the stars; for one star differs from another star in glory.
Owia wɔ nʼankasa ahoɔfɛ. Ɔsram wɔ ne de nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahorow; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛsu ahorow.
42 So also is the resurrection of the dead. The body is sown perishable; it is raised imperishable.
Sɛ wɔma awufo sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wosie nipadua no a, ɛporɔw; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔw.
43 It is sown in dishonor; it is raised in glory. It is sown in weakness; it is raised in power.
Sɛ wosie nipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛw, nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na enya ahoɔden.
44 It is sown a natural body; it is raised a spiritual body. There is a natural body and there is also a spiritual body.
Sɛ wosie nipadua no a, ɛyɛ honam, na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom. Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ.
45 So also it is written, “The first man Adam became a living soul.” The last Adam became a life-giving spirit.
Kyerɛwsɛm no ka se, “Na Adam a odi kan no yɛ onipa teasefo” nanso Adam a otwa to no yɛ Honhom a ɔma nkwa.
46 However, that which is spiritual isn’t first, but that which is natural, then that which is spiritual.
Ɛnyɛ honhom muni na ɔbaa kan. Ɔbaa wɔ nea okura honam fam nipadua no akyi.
47 The first man is of the earth, made of dust. The second man is the Lord from heaven.
Wɔde fam mfutuma na ɛbɔɔ Adam a odi kan no. Adam a ɔto so abien no fi ɔsoro.
48 As is the one made of dust, such are those who are also made of dust; and as is the heavenly, such are they also that are heavenly.
Wɔn a wɔte asase so no te sɛ nea wɔde dɔte bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te sɛ wɔn a wofi ɔsoro.
49 As we have borne the image of those made of dust, let’s also bear the image of the heavenly.
Sɛnea yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔte bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ofi ɔsoro no.
50 Now I say this, brothers, that flesh and blood can’t inherit God’s Kingdom; neither does the perishable inherit imperishable.
Anuanom, nea mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, nea wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn ahenni no mu; na nea ɛporɔw no ntumi ntena hɔ.
51 Behold, I tell you a mystery. We will not all sleep, but we will all be changed,
Muntie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso bere tiaa bi mu, wɔbɛsakra yɛn nyinaa;
52 in a moment, in the twinkling of an eye, at the last trumpet. For the trumpet will sound and the dead will be raised incorruptible, and we will be changed.
sɛ torobɛnto a etwa to no bɔ a, nsakrae no bɛyɛ anibuei. Sɛ ɛbɔ a, awufo bɛdan ateasefo na yɛn nyinaa bɛsakra.
53 For this perishable body must become imperishable, and this mortal must put on immortality.
Na nea ɛporɔw no de nea ɛmporɔw akata ne ho, na nea ewu no de nea enwu akata ne ho.
54 But when this perishable body will have become imperishable, and this mortal will have put on immortality, then what is written will happen: “Death is swallowed up in victory.”
Enti nea ɛporɔw de nea ɛmporɔw kata ne ho na nea ebewu de nea ɛrenwu kata ne ho a, Kyerɛwsɛm no bɛba mu se, “Wɔasɛe owu; nkonim aba!”
55 “Death, where is your sting? Hades, where is your victory?” (Hadēs g86)
“Owu, wo nkonim wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?” (Hadēs g86)
56 The sting of death is sin, and the power of sin is the law.
Owu nya ne tumi fi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi fi mmara no mu.
57 But thanks be to God, who gives us the victory through our Lord Jesus Christ.
Nanso yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!
58 Therefore, my beloved brothers, be steadfast, immovable, always abounding in the Lord’s work, because you know that your labor is not in vain in the Lord.
Enti me nuanom, munnyina pintinn. Mommma biribiara nhinhim mo. Da biara monyɛ Awurade adwuma, efisɛ munim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.

< 1 Corinthians 15 >