< Salme 116 >

1 Halleluja! Jeg elsker Herren, thi han hører min røst, min tryglende bøn,
Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne. Ɔtee me mmɔborɔsu.
2 ja, han bøjed sit Øre til mig, jeg påkaldte HERRENs Navn.
Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti, mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi.
3 Dødens Bånd omspændte mig, Dødsrigets Angster greb mig, i Trængsel og Nød var jeg stedt. (Sheol h7585)
Owu ahama bebaree me, ɔda ho yawdi baa me so, ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so. (Sheol h7585)
4 Jeg påkaldte HERRENs Navn: "Ak, HERRE, frels min Sjæl!"
Afei mebɔɔ Awurade din kae se, “Awurade, gye me nkwa!”
5 Nådig er HERREN og retfærdig, barmhjertig, det er vor Gud;
Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni; ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma.
6 HERREN vogter enfoldige, jeg var ringe, dog frelste han mig.
Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban; bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me.
7 Vend tilbage, min Sjæl, til din Ro, thi HERREN har gjort vel imod dig!
Nya abotɔyam bio, me kra, efisɛ Awurade ne wo adi no yiye.
8 Ja, han fried min Sjæl fra Døden, mit Øje fra Gråd, min Fod fra Fald.
Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu; woamma mʼani amporow nisu, na woamma mʼanan anhintiw
9 Jeg vandrer for HERRENs Åsyn udi de levendes Land;
sɛ mɛnantew Awurade anim wɔ ateasefo asase so.
10 jeg troede, derfor talte jeg, såre elendig var jeg,
Migye dii; ɛno nti mekae se, “Mewɔ ahohia kɛse mu.”
11 sagde så i min Angst: "Alle Mennesker lyver!"
Na mʼahokyere mu mekae se, “Nnipa nyinaa yɛ atorofo.”
12 Hvorledes skal jeg gengælde HERREN alle hans Velgerninger mod mig?
Dɛn na metumi de atua Awurade ka wɔ ne papa a wayɛ me nyinaa?
13 Jeg vil løfte Frelsens Bæger og påkalde HERRENs Navn.
Mɛma nkwagye kuruwa no so na mabɔ Awurade din.
14 Jeg vil indfri HERREN mine Løfter i Påsyn af alt hans Folk.
Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim.
15 Kostbar i HERRENs Øjne er hans frommes Død.
Awurade nkoa nokwafo wu som bo wɔ Awurade ani so.
16 Ak, HERRE, jeg er jo din Tjener, din Tjener, din Tjenerindes Søn, mine Lænker har du løst.
Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo; meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima; woayi me afi me mpokyerɛ mu.
17 Jeg vil ofre dig Lovprisningsoffer og påkalde HERRENs Navn;
Mɛbɔ aseda afɔre ama wo na mabɔ Awurade din.
18 mine Løfter vil jeg indfri HERREN i Påsyn af alt hans Folk
Medi me ntam a maka Awurade no so wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim,
19 i HERRENs Hus's Forgårde og i din Midte, Jerusalem!
wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no, wɔ wʼanim, Yerusalem. Monkamfo Awurade.

< Salme 116 >