< До римлян 9 >

1 Кажу́ правду в Христі, не обманюю, як сві́дчить мені моє сумлі́ння через Духа Святого,
Mereka nokware sɛ Okristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanse kyerɛ me sɛ minni atoro.
2 що маю велику скорбо́ту й невпинну му́ку для серця свого!
Midi awerɛhow na mete daa yaw wɔ me koma mu ma me nkurɔfo.
3 Бо я бажав би сам бути відлу́чений від Христа замість братів моїх, рідних мені тілом;
Wɔn nti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔtew me fi Kristo ho.
4 вони ізра́їльтяни, що їм належить сині́вство, і слава, і заповіти, і законода́вство, і богослужба, і обі́тниці,
Wɔyɛ Onyankopɔn manfo a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asan atena nʼanuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɔkwan pa a wɔfa so som maa wɔn nsa kaa bɔhyɛ no.
5 що їхні й отці, і від них же тілом Христос, що Він над усіма́ Бог, благослове́нний, навіки, амі́нь. (aiōn g165)
Wɔyɛ tete agyanom asefo, na esiane sɛ Kristo baa onipasu mu nti ɔyɛ wɔn aseni. Ayeyi nka Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfo no daadaa. Amen. (aiōn g165)
6 Не так, щоб Слово Боже не збуло́ся. Бо не всі ті ізра́їльтяни, хто від Ізраїля,
Menka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, efisɛ ɛnyɛ Israelfo nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfo.
7 і не всі діти Авраамові, хто від насіння його, але: „в Ісаку буде насіння тобі“.
Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefo nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛw.”
8 Цебто, не тілесні діти — то діти Божі, але діти обі́тниці признаю́ться за насіння.
Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo.
9 А слово обі́тниці таке: „На той час прийду́, і бу́де син у Сари“.
Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka se, “Ampa ara, mɛsan aba wo nkyɛn bio bere a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.
10 І не тільки це, але й Реве́кка зачала́ дітей від одно́го ложа отця нашого Ісака,
Ɛnyɛ eyi nko. Rebeka mma baanu no nyinaa fii agya koro a ɔne yɛn agya Isak.
11 бо коли вони ще не народились, і нічо́го доброго чи злого не вчинили, — щоб позоста́лась постанова Божа у вибра́нні
Na sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no nti,
12 не від учинків, але́ від То́го, Хто кличе, — сказано їй: „Більший служитиме меншому“,
ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanyin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa eyi ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛe so,
13 як і написано: „Полюбив Я Якова, а Ісава знена́видів“.
sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Medɔɔ Yakob na metan Esau” no.
14 Що ж скажемо? Може в Бога неправда? Зо́всім ні!
Afei asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo ana? Dabi da!
15 Бо Він каже Мойсеєві: „Помилую, кого хочу помилувати, і змилосе́рджуся, над ким хочу змилосе́рдитись“.
Efisɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ, na nea mepɛ sɛ meyɛ no adɔe nso, mɛyɛ no adɔe.”
16 Отож, не залежить це ні від то́го, хто хоче, ні від того, хто біжить, але від Бога, що милує.
Eyi kyerɛ sɛ, ennyina nea obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom egyina Onyankopɔn ahummɔbɔ so.
17 Бо Писа́ння говорить фараонові: „Власне на те Я поставив тебе, щоб на тобі показати Свою силу, і щоб звістилось по ці́лій землі Моє Йме́ння“.
Kyerɛwsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao se, “Eyi ara nti na misii wo hene nam so daa me tumi adi, sɛnea ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ mmaa nyinaa.”
18 Отож, кого хоче — Він милує, і кого хоче — ожорсто́чує.
Ɛno de, Onyankopɔn hu nea ɔpɛ sɛ ohu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa.
19 А ти скажеш мені: „Чого ж іще Він докоря́є, бо хто може проти́витись волі Його?“
Afei obi bebisa se, “Sɛ yentumi nsiw Onyankopɔn pɛ ho kwan a, adɛn nti na ɔbɔ yɛn sobo?”
20 Отже, хто́ ти, чоловіче, що ти спереча́єшся з Богом? Чи скаже тво́риво творце́ві: Пощо ти зробив мене так?
Onua, wone hena a wubetumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kuku mmisa ne nwemfo se, “Adɛn nti na wonwen me sɛɛ?”
21 Чи ганча́р не має вла́ди над глиною, щоб із того самого міси́ва зробити одну посу́дину на честь, а одну на нечесть?
Ɔnwemfo no wɔ ho kwan sɛ ɔde dɔte no nwen nea ɔpɛ biara. Otumi nwen nkuku abien fi dɔte mu, na ɔde mu baako adi dwuma titiriw bi, na ɔde baako no nso ayɛ nea ɔpɛ biara.
22 Тож Бог, бажаючи показати гнів і виявити могутність Свою, щади́в із великим терпінням посу́дини гніву, що готові були на погибіль,
Saa ara na ade biara a Onyankopɔn ayɛ no te. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuw adi na ɔma wohu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ofi nʼabufuwhyew mu rebɛsɛe wɔn no.
23 і щоб виявити багатство слави Своєї на посудинах милосердя, що їх приготува́в на славу,
Ɔyɛɛ eyi de kyerɛɛ sɛnea nʼanuonyam no te, bere a onyaa ayamhyehye maa wɔn a wayi wɔn dedaw sɛ wɔmmɛyɛ nʼanuonyam no fafafo.
24 на нас, що їх і покликав не тільки від юдеїв, але й від поган.
Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn fii Yudafo mu nko ara, na mmom amanamanmufo nso.
25 Як і в Осії Він говорить: „Назву Своїм наро́дом не людей Моїх, і не улю́блену — улю́бленою,
Wɔka wɔ Hosea nhoma mu se, “Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfo no ‘me nkurɔfo,’ na nea ɔnyɛ me dɔfo no mɛfrɛ no ‘me dɔfo,’”
26 і на місці, де сказано їм: Ви не Мій наро́д, там на́звані будуть синами Бога Живого!“
na “Beae koro no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn se ‘Onyankopɔn teasefo no mma.’”
27 А Ісая взиває про Ізраїля: „Коли б число синів Ізра́їлевих було, як мо́рський пісок, то тільки останок спасеться,
Na Yesaia dii Israelfo ho yaw sɛ, “Sɛ Israelfo dɔɔso sɛ mpoano nwea mpo a, wɔn mu kakraa bi na wobegye wɔn nkwa.
28 бо вирок закінчений та скорочений у праведності учинить Господь на землі!“
Efisɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛnea ɛte biara no, ɔbɛyɛ nea wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.”
29 І як Ісая віщував: „Коли б Госпо́дь Савао́т не лишив нам насіння, то ми стали б, як Содо́м, і подібні були б до Гомо́рри!“
Yesaia nso kae se, “Sɛ Asafo Awurade annyaw yɛn asefo a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.”
30 Що ж скажемо? Що погани, які не шукали праведности, досягли праведности, тієї праведности, що від віри,
Afei asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufo a wɔanhwehwɛ trenee akyi kwan no nam gyidi so yɛɛ atreneefo;
31 а Ізраїль, що шукав Закона праведности, не досяг Закону праведности.
Nanso Israelfo a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so di so no bɛsɔ Onyankopɔn ani mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu.
32 Чому́? Бо шукали не з віри, але якби з учинків Зако́ну; вони бо спіткнулись об камінь спотика́ння,
Adɛn nti na ɛbaa saa? Efisɛ wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so di so sɔ Onyankopɔn ani, nanso anka ɛsɛ sɛ wonya gyidi wɔ Onyankopɔn mu mmom. Wohintiw “hintibo” no.
33 як написано: „Ось Я кладу́ на Сіоні камінь спотика́ння та скелю спокуси, і кожен, хто вірує в Нього, не посоро́миться!“
Sɛnea wɔakyerɛw se, “Hwɛ, Mede ɔbo a ɛma nnipa hintiw ato Sion ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase, na nea ɔde ne ho to no so no anim rengu ase da.”

< До римлян 9 >