< 1 до коринтян 3 >

1 І я, браття, не міг говорити до вас, як до духовних, але як до тіле́сних, як до немовля́т у Христі.
Nokorɛm, anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ ewiasefoɔ a wɔte sɛ mmɔfra a wɔwɔ Kristo mu gyidie.
2 Я вас годува́в молоком, а не твердо́ю ї́жею, бо ви не могли її їсти, та й тепер ще не можете,
Memaa mo nufosuo. Mamma mo aduane a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ mma mo. Na seesei ara mpo ɛnyɛ mma mo,
3 бо ви ще тіле́сні. Бо коли за́здрість та суперечки між вами, то чи ж ви не тілесні, і хіба не по-лю́дському робите?
ɛfiri sɛ, moda so te hɔ sɛ ewiasefoɔ. Sɛ anibereɛ wɔ mo mu na motwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, ɛnna no adi sɛ moyɛ ewiasefoɔ a mote hɔ ma ewiase?
4 Бо коли хто каже: „Я ж Павлів“, а інший: „Я Аполло́сів“, то чи ж ви не тіле́сні?
Sɛ obi ka sɛ, “Me deɛ, medi Paulo akyi” na ɔfoforɔ nso ka sɛ, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ ewiasefoɔ anaa?
5 Бо хто ж Аполло́с? Або хто то Павло? Вони тільки служи́телі, що ви ввірували через них, і то скільки кому́ дав Госпо́дь.
Mebisa sɛ, Apolo yɛ hwan? Na Paulo nso yɛ hwan? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ kwa a ɛnam yɛn so na monya gyidie. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.
6 Я посадив, Аполло́с поливав, Бог же зрости́в,
Meduaa aba no na Apolo guguu so nsuo nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ.
7 тому́ ані той, хто са́дить, ані хто полива́є, є щось, але Бог, що ро́дить!
Obi a ɔduaeɛ ne obi a ɔguguu so nsuo no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ.
8 І хто са́дить, і хто поливає — одне, і кожен оде́ржить свою нагоро́ду за працею сво́єю!
Nsonsonoeɛ biara nni onipa a ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara diiɛ so na wama wɔn so adeɛ.
9 Бо ми співробі́тники Божі, а ви — Боже поле, Божа буді́вля.
Yɛn deɛ yɛyɛ aboafoɔ a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuo. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.
10 Я за благодаттю Божою, що да́на мені, як мудрий будівни́чий, основу поклав, а інший будує на ній; але нехай кожен пильнує, я́к він будує на ній!
Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so meyɛɛ ɔdanseni pa adwuma. Metoo fapem ɛnna onipa foforɔ nso resi ato so. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara fa ɛkwan pa so si.
11 Ніхто бо не може покла́сти іншої основи, окрім покла́деної, а вона — Ісус Христос.
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɛdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforɔ biara bio.
12 А коли хто на цій основі будує з золота, срібла, дорогоцінного камі́ння, із дерева, сіна, соломи,
Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden aboɔ na ɛbɛsi wɔn dan wɔ fapem no so; afoforɔ nso de nnua anaa ɛserɛ anaa wira.
13 то буде ви́явлене ді́ло кожного, бо виявить день, тому що він огнем об'явля́ється, і огонь ді́ло кожного ви́пробує, яке воно є.
Obiara dwuma a ɔdiiɛ no, ɛda no bɛda no adi; ɛda no ogya no bɛda obiara adwuma adi. Ogya no bɛsɔ ahwɛ, ahunu dwuma ko no yɛ a ɛyɛ.
14 І коли чиє ді́ло, яке збудував хто, усто́їть, то той нагороду оде́ржить;
Sɛ deɛ onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina ogya no ano a, ɛbɛnya akatua.
15 коли ж ді́ло згорить, той матиме шкоду, та сам він спасе́ться, але́ так, як через огонь.
Na sɛ obi adwuma hye wɔ ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno deɛ, ɔbɛnya nkwa sɛ obi a wadwane afiri gyaframa mu.
16 Чи не знаєте ви, що ви — Божий храм, і Дух Божий у вас пробува́є?
Nokorɛm, monim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu!
17 Як хто ні́вечить Божого храма, того зні́вечить Бог, бо храм Божий святий, а храм той — то ви!
Enti, obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.
18 Хай не зво́дить ніхто сам себе́. Як кому з вас здається, що він мудрий в цім віці, нехай стане нерозумним, щоб бути премудрим. (aiōn g165)
Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ ewiase yi mu onyansafoɔ a, ɛwɔ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafoɔ. (aiōn g165)
19 Цьогосві́тня бо мудрість — у Бога глупо́та, бо написано: „Він ловить премудрих у хи́трощах їхніх!“
Ɛfiri sɛ, deɛ ewiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn aniteɛ mu.”
20 І зно́ву: „Знає Госпо́дь думки мудрих, що марно́тні вони!“
Bio, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Awurade nim onipa nsusuiɛ. Ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.”
21 Тож нехай ніхто не хва́литься людьми́, бо все ваше:
Enti, ɛnsɛ sɛ obiara de deɛ onipa tumi yɛ hoahoa ne ho na biribiara yɛ mo dea.
22 чи Павло, чи Аполло́с, чи Ки́фа, чи світ, чи життя, чи смерть, чи тепе́рішнє, чи майбутнє — усе ваше,
Paulo, Apolo ne Petro, saa ewiase yi, nkwa ne owuo, ɛnnɛ ne daakye nyinaa yɛ mo dea,
23 ви ж Христові, а Христос — Божий!
na moyɛ Kristo dea na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.

< 1 до коринтян 3 >