< Від Луки 16 >

1 Промовив же і до учеників своїх: Один чоловік був багатий, що мав приставника; і обвинувачено сього йому, що розсипає маєток його.
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ ofi sohwɛfo bi. Ɔdefo yi tetee sɛ ne fi sohwɛfo no resɛe ne nneɛma.
2 І, покликавши його, каже йому: Що се чую про тебе? Дай мені перелік з твого приставництва, бо неможна вже тобі бути приставником.
Ɔtee saa asɛm no, ɔfrɛɛ ne fi sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Dɛn na metete fa wo ho yi? Bebu wʼadwuma ho akontaa kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’
3 Каже ж у собі приставник: Що мені робити, що пан мій бере при-ставництво від мене? Копати не вмію, просити соромлюсь.
“Ofi sohwɛfo no kaa wɔ ne tirim se, ‘Menyɛ dɛn ni? Nnɛ a wɔrepam me afi fie ha yi, ɛhe na mɛfa? Minni ahoɔden a mede bɛdɔw, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ ade.
4 Знаю, що зроблю, щоб, як відставлений буду від приставнищтва, прийняли мене в господи свої.
Minim nea mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no behu me mmɔbɔ.’
5 І покликавши кожного з довжників пава свого, каже первому: Скільки ти винен панові моєму?
“Enti ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Obisaa nea odi kan no se, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’
6 Він же каже: Сто мір оливи. І каже йому: Візьми твою розписку, та сївши хутко, пиши пятьдесять.
“Obuae se, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’ “Enti ɔka kyerɛɛ no se, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode ngo nhina du ka.’
7 Потім другому каже: Ти ж скільки винен? Він же каже: Сто мір пшениці. І каже йому: Візьми твою розписку, та напиши вісїмдесять.
“Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforo bi nso bisaa no se, ‘Na wo nso, ka ahe na wode me wura?’ “Ɔno nso buae se, ‘Mede aburow nkotoku ɔha ka.’ “Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode nkotoku aduonum ka!’
8 І похвалив пан приставника неправедного, що мудро вчинив; сини бо віку сього мудріші над синів сьвітла в роді своїм. (aiōn g165)
“Ɔdefo no huu nea ofi sohwɛfo no yɛe no akyi, nanso ɔnam fɛwdi so kamfoo no wɔ nʼanifiri no ho. Saa ara nso na wiase yi mma susuw sɛ wonim nyansa sen wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifo no. (aiōn g165)
9 І я вам глаголю: Робіть собі приятелів від мамони неправди, щоб, як будете в недостатках, прийняли вас у вічні оселї. (aiōnios g166)
Na me nso mise mo sɛ, momfa wiase ahonyade no bi nyɛ nnamfo, na sɛ ɛsa a wɔagye mo. (aiōnios g166)
10 Вірний у найменшому і в великому вірний, а в найменшому неправедний, і в великому неправедний.
“Nanso nea odi nokware wɔ kakraa bi ho no bedi nokware wɔ pii ho; na nea onni nokware wɔ kakraa bi ho no rentumi nni nokware wɔ pii ho.
11 Коли ж оце у неправедній мамонї вірні не будете, то правдиве хто вам звірить?
Sɛ moantumi anni nokware wɔ wiase nneɛma ho a, hena na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa?
12 І коли у чужому вірні не були, ваше хто вам дасть?
Sɛ moanni nokware wɔ obi ade bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo?
13 Жаден слуга не може двом павам служити: або одного ненавидіти ме, а другого любити ме; або до одного прихилить ся, а другим гордувати ме. Не можете Богові служити й мамонї.
“Ɔsomfo biara rentumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.”
14 Чули ж се все й Фарисеї, що були сріблолюбцями, та й насьміхались із Него.
Farisifo sikaniberefo no tee nea Yesu kae no, wodii ne ho fɛw.
15 І рече їм: Ви оправдуєте себе перед людьми. Бог же знав серця ваші, бо що в людей високе, те огида перед Богом.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mubu mo ho atreneefo wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo koma mu. Na nea ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyide wɔ Onyankopɔn anim.
16 Закон і пророки до Йоана. З того ж часу царство Боже благовіствуєть ся, і кожен силою здобував його.
“Ansa na Osuboni Yohane bɛba no na Mose mmara ne adiyifo no nsɛm no na mudi so. Na Osuboni Yohane bae no ɔbɛkaa Onyankopɔn ahenni ho nsɛm kyerɛɛ mo, nti nnipa repere sɛ wɔbɛkɔ saa ahenni no mu.
17 Легше ж небу та землї перейти, нїж із закону одній титлї пропасти.
Ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwa mu sen sɛ mmara no mu nsensanee ketewa baako mpo bɛyera.
18 Всякий, хто розводить ся з жінкою своєю, і женить ся з иншою, робить перелюб; і всякий, хто женить ся з розведеною з чоловіком, робить перелюб.
“Obiara a ogyaa ne yere aware na ɔware ɔfoforo no bɔ aguaman; na nea ɔware ɔbea biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ aguaman.”
19 Один же чоловік був заможний, і одягавсь у кармазин та висон, і жив дцо-дня пишно.
Yesu toaa so kae se, “Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye nʼani yiye nso.
20 Убогий же один був, на ймя Лазар, що лежав перед ворітьми його ввесь у струпі,
Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano.
21 і бажав погодуватись окрушинами, що падали з стола багатиревого, тільки ж і собаки приходячи лизали рани його.
Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba faako a na ohiani no da hɔ no bɛtaforo nʼakuru no mu.
22 Стало ся ж, що вмер убогий, і перенесли його ангели на лоно Авраамове; умер же і багатир і поховали його.
“Ohiani no wu maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wu ma wosiee no.
23 І в пеклї зняв він очі свої, бувши в муках, і побачив оддалеки Авраама, й Лазаря на лоні його. (Hadēs g86)
Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. (Hadēs g86)
24 І покликнувши він, каже: Отче Аврааме, помилуй мене та пішли Лазаря, нехай умочить конець пальця свого в воду та прохолодить язик мій; бо я мучусь у поломї сьому.
Ɔdefo no teɛɛ mu se, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.’
25 Рече ж Авраам: Дитино, спогадай, що прийняв єси добре твоє в життю твоїм, а Лазар так само лихе; тепер же він тут утїшавть ся, а ти мучиш ся.
“Abraham buaa no se, ‘Me ba, kae sɛ wote wiase no wudii dɛ na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi dɛ na wo nso woredi yaw.
26 Та ще й до того, між нами й вами пропасть велика утвердилась, щоб которі схотіли перейти звідсіля до вас, не здолїли; анї звідтіля до нас не перейшли.
Ɛnyɛ eyi nko, obon kɛse da yɛn ne mo ntam a ɛno nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wofi mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’
27 Каже ж він: Благаю ж тебе, отче, щоб післав його до дому батька мого:
“Ɔdefo no san ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya fi,
28 маю бо пять братів; нехай сьвідкує їм, щоб і вони не прийшли у се місце муки.
efisɛ mewɔ nuabarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyeraw yi mu bi.’
29 Рече йому Авраам: Мають вони Мойсея і пророків; нехай слухають їх.
“Abraham buaa no se, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka enti ma wontie na wonni so.’
30 Він же каже: Нї, отче Аврааме; тільки ж, коли б хто з мертвих прийшов до них, покають ся.
“Ɔdefo yi kaa bio se, ‘Agya Abraham, nea woreka yi wɔ mu de, nanso sɛ obi fi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ de a, wɔbɛsakra wɔn adwene.’ (questioned)
31 Рече ж йому: Коли Мойсея і пророків не слухають, то, коли б хто й з мертвих воскрес, не піймуть віри.
“Abraham buae se, ‘Sɛ wɔantie nea Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi fi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no no.’” (questioned)

< Від Луки 16 >