< 2 до коринтян 10 >

1 Я, Павло, особисто закликаю вас із лагідністю і добротою Христа, – я, той хто «покірний, коли присутній» між вами, «а коли відсутній, то сміливий» стосовно вас.
Me, Paulo a sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛ na sɛ menni mo nkyɛn nso a me koko yɛ duru ma mo no, me na metu saa fo yi. Mesrɛ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyɛfoɔ no din mu sɛ:
2 Прошу вас: коли я прийду, не змушуйте мене вдаватися до сміливості, яку я рішуче розраховую проявити щодо тих, хто вважає, що ми живемо по-тілесному.
Sɛ meba hɔ a, monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Menim yie sɛ me bo bɛtumi ayɛ duru wɔ nnipa a wɔka sɛ ewiase adwene na yɛde di dwuma no no so.
3 Адже, живучи в тілі, воюємо не по-тілесному.
Ɛyɛ nokorɛ sɛ, yɛte ewiase, nanso yɛnnyina wiasesɛm so wɔ yɛn ko mu.
4 І зброя нашої боротьби не тілесна, а сильна Богом для руйнування фортець. Ми руйнуємо задуми
Akodeɛ a yɛde ko no mfiri ewiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akodeɛ a ano yɛ den a yɛbɛtumi de asɛe atamfoɔ mpampim a wɔabobɔ. Yɛsɛe akyinnyehunu.
5 та кожну зарозумілість, яка противиться пізнанню Бога, а також беремо в полон кожну думку на послух Христу.
Yɛsɛe akwansideɛ biara a ɛtia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔtie Kristo.
6 І ми готові покарати будь-яку непокору, як тільки ваш послух стане довершеним.
Sɛ mo setie wie pɛyɛ na obi sane yɛ asoɔden ɛkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso.
7 Ви дивитеся на зовнішність. Але коли хтось впевнений, що він належить Христу, то нехай візьме до уваги, що ми, як і він, Христові.
Sɛdeɛ nneɛma te no ara na mohunu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka sɛ, ɔyɛ Kristo dea? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ ɛfiri sɛ, yɛn nso yɛyɛ Kristo dea sɛdeɛ ɔno nso yɛ ne dea no.
8 І навіть якщо я ще більше вихваляюся нашою владою, яку нам дав Господь для вашого збудування, а не для руйнування, то я за це не буду осоромлений.
Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na monnyini no bɛhoahoa me ho.
9 Хай вам не здається, що я хочу залякати вас [своїми] листами.
Mempɛ sɛ modwene sɛ mede me nkrataa a matwerɛ mo no rehunahuna mo.
10 Адже [дехто] каже: «Його листи вагомі та сильні, але коли приходить особисто, то він слабкий і слова його незначні».
Obi bɛka sɛ, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ ya nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn nso a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!”
11 Така людина нехай врахує те, що якими ми є на слові в листах, коли відсутні, такими ж є і на ділі, коли присутні.
Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonsonoeɛ biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛtwerɛɛ ɛberɛ a yɛnni mo nkyɛn no, ne deɛ sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛyɛ no mu.
12 Ми не сміємо судити або прирівнювати себе до тих, що самі себе рекомендують. Вони, вимірюючи себе собою та порівнюючи себе із собою, не є розумними.
Ɛyɛ nokorɛ, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafoɔ! Wɔnam wɔn ho a wɔde wɔn ho toto wɔn ho wɔn ho no so bu wɔn ho atɛn.
13 Ми ж не будемо хвалитися безмірно, а лише в межах служіння, яке нам визначив Бог, щоб досягнути й вас.
Yɛn deɛ, yɛn ahohoahoa no nntra beaeɛ bi. Yɛn ahohoahoa no nntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yɛnyɛ a mo mu adwumayɛ ka ho no.
14 Бо ми не виходимо за ці межі, ніби не досягнули вас, адже ми досягнули і вас Доброю Звісткою Христа.
Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu enti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra.
15 Ми не хвалимося надмірно чужою працею, а сподіваємося, що, у міру того, як ваша віра зростатиме, зростатимуть і межі нашого служіння серед вас,
Yei enti yɛmmfa adwuma a nkurɔfoɔ ayɛ nhoahoa yɛn ho te sɛ yɛn ara na yɛyɛeɛ. Deɛ yɛrepɛ ne sɛ mo gyidie ase bɛtim na ɛnam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra beaeɛ a Onyankopɔn ahyɛ no.
16 щоби звіщати Добру Звістку поза вашими [околицями], а не хвалитися зробленим на чужому полі.
Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman foforɔ so a yɛremfa adwuma a ɔfoforɔ ayɛ no nhoahoa yɛn ho.
17 «А хто вихваляється, нехай вихваляється в Господі».
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ adeɛ a Awurade ayɛ mu.”
18 Адже схвалений не той, хто сам себе рекомендує, а той, кого рекомендує Господь.
Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ɔgye no to mu.

< 2 до коринтян 10 >