< Sefania 1 >

1 Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so.
Yahweh’s word which came to Zephaniah, the son of Cushi, the son of Gedaliah, the son of Amariah, the son of Hezekiah, in the days of Josiah, the son of Amon, king of Judah.
2 “Mɛpra biribiara afiri asase so” deɛ Awurade seɛ nie,
I will utterly sweep away everything from the surface of the earth, says Yahweh.
3 “Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa; mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa. Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko ara sɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,” deɛ Awurade seɛ nie.
I will sweep away man and animal. I will sweep away the birds of the sky, the fish of the sea, and the heaps of rubble with the wicked. I will cut off man from the surface of the earth, says Yahweh.
4 “Mɛtene me nsa wɔ Yuda ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so; na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha, na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din
I will stretch out my hand against Judah and against all the inhabitants of Jerusalem. I will cut off the remnant of Baal from this place—the name of the idolatrous and pagan priests,
5 wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi, de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem, wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam na wɔde Molek nso ka ntam,
those who worship the army of the sky on the housetops, those who worship and swear by Yahweh and also swear by Malcam,
6 wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridie na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.”
those who have turned back from following Yahweh, and those who haven’t sought Yahweh nor inquired after him.
7 Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim, ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn. Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ; wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.
Be silent at the presence of the Lord Yahweh, for the day of Yahweh is at hand. For Yahweh has prepared a sacrifice. He has consecrated his guests.
8 “Awurade afɔrebɔ ɛda no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma ne wɔn a wɔhyehyɛ ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.
It will happen in the day of Yahweh’s sacrifice that I will punish the princes, the king’s sons, and all those who are clothed with foreign clothing.
9 Saa ɛda no mɛtwe wɔn a wɔkwati aponnwa no nyinaa aso. Wɔn a wɔde akakabensɛm ne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no.
In that day, I will punish all those who leap over the threshold, who fill their master’s house with violence and deceit.
10 “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano, agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba.
In that day, says Yahweh, there will be the noise of a cry from the fish gate, a wailing from the second quarter, and a great crashing from the hills.
11 Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase, dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.
Wail, you inhabitants of Maktesh, for all the people of Canaan are undone! All those who were loaded with silver are cut off.
12 Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no, a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’
It will happen at that time, that I will search Jerusalem with lamps, and I will punish the men who are settled on their dregs, who say in their heart, “Yahweh will not do good, neither will he do evil.”
13 Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ, na wɔabubu wɔn afie agu. Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu wɔbɛyɛ bobe mfuo nanso wɔrennom emu nsã.”
Their wealth will become a plunder, and their houses a desolation. Yes, they will build houses, but won’t inhabit them. They will plant vineyards, but won’t drink their wine.
14 Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm so. Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya, ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.
The great day of Yahweh is near. It is near and hurries greatly, the voice of the day of Yahweh. The mighty man cries there bitterly.
15 Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda, ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda; ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda, ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda,
That day is a day of wrath, a day of distress and anguish, a day of trouble and ruin, a day of darkness and gloom, a day of clouds and blackness,
16 ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.
a day of the trumpet and alarm against the fortified cities and against the high battlements.
17 “Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo, na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ.
I will bring such distress on men that they will walk like blind men because they have sinned against Yahweh. Their blood will be poured out like dust and their flesh like dung.
18 Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn nkwa wɔ Awurade abufuo ɛda no.” Ne ninkuntwe mu ogya no bɛhye ɔman no nyinaa, na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa aba awieeɛ mpofirim.
Neither their silver nor their gold will be able to deliver them in the day of Yahweh’s wrath, but the whole land will be devoured by the fire of his jealousy; for he will make an end, yes, a terrible end, of all those who dwell in the land.

< Sefania 1 >