< Sakaria 9 >

1 Nkɔmhyɛ: Awurade asɛm tia Hadrak asase na ɛbɛka Damasko ɛfiri sɛ, nnipa ne Israel mmusuakuo nyinaa ani wɔ Awurade so. 2 Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hyeɛ; ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwom sɛ wɔyɛ anyansafoɔ. 3 Tiro asi abandenden ama ne ho; waboa dwetɛ ano te sɛ mfuturo, ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔteɛ a ɛwɔ mmɔntene so. 4 Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ ɛpo so, na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ. 5 Askelon bɛhunu na wasuro Gasa de ɔyea bɛnukanuka ne mu, na Ekron nso saa ara, ɛfiri sɛ nʼanidasoɔ bɛsa. Gasa bɛhwere ne ɔhene na wɔbɛgya Askelon afituo. 6 Ananafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu. 7 Mɛyi mogya afiri wɔn ano, akyiwadeɛ nnuane nso mɛyi afiri wɔn ano. Nkaeɛfoɔ no bɛyɛ yɛn Onyankopɔn dea wɔbɛyɛ Yuda ntuanofoɔ, na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifoɔ. 8 Nanso mɛbɔ me Fie ho ban wɔ wɔn a wɔtetɛ bɔ korɔno ho. Ɔhyɛsofoɔ biara ntumi mfa me nkurɔfoɔ so bio, ɛfiri sɛ afei merewɛn. 9 Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion! Team, Ɔbabaa Yerusalem! Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba so na ɔteɛ. 10 Mɛgye nteaseɛnam afiri Efraim ne akofoɔ apɔnkɔ afiri Yerusalem, na akodie tadua no wɔbɛbubu mu. Ɔbɛpae mu aka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ aman no. Nʼahennie bɛfiri ɛpo akɔka ɛpo ɛbɛfiri Asubɔnten no akɔpem nsase ano. 11 Na wo deɛ, ɛsiane me ne wo mogya apam no enti, mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu. 12 Monsane nkɔ mʼaban mu, Ao nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ; seesei mpo merebɔ mo nkaeɛ sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho. 13 Mɛkoa Yuda sɛdeɛ mekoa me tadua na mede Efraim bɛhyɛ mu. Mɛkanyane wo mmammarima, Ao Sion, atia wo Hela mmammarima, na mɛyɛ wo sɛ ɔkofoɔ akofena. 14 Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔn so; nʼagyan bɛtwa yerɛ te sɛ anyinam. Otumfoɔ Awurade bɛhyɛn totorobɛnto no; ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔeɛ fam ahum mu, 15 Asafo Awurade bɛyɛ ɛkyɛm ama wɔn. Wɔde ahwimmoɔ bɛsɛe na wɔde adi nkonim. Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛdeɛ wɔanom nsã; wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a wɔde pete afɔrebukyia ntweaso. 16 Awurade wɔn Onyankopɔn, bɛgye wɔn saa ɛda no sɛ odwanhwɛfoɔ gye ne nnwan. Wɔbɛtwa nyinam nyinam wɔ nʼasase so, sɛ aboɔdemmoɔ a ɛbobɔ ahenkyɛ ho. 17 Sɛdeɛ wɔn ho bɛtwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa! Aduane bɛma mmeranteɛ anyini ahoɔden so na nsã foforɔ bɛma mmabaawa anyini saa ara.

< Sakaria 9 >