< Sakaria 2 >

1 Afei memaa mʼani so, na mehunuu ɔbarima bi a ɔkura susuhoma sɛ ɔgyina mʼanim!
I lifted up my eyes, and saw, and behold, a man with a measuring line in his hand.
2 Mebisaa no sɛ, “Ɛhe na worekɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Merekɔsusu Yerusalem, ahunu ne tɛtrɛtɛ ne ne tentene.”
Then I asked, “Where are you going?” He said to me, “To measure Jerusalem, to see what is its width and what is its length.”
3 Na ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no kɔɔeɛ, na ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyiaa no
Behold, the angel who talked with me went out, and another angel went out to meet him,
4 na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberanteɛ no sɛ, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a ɛnni afasuo ɛsiane nnipa ne mmoa dodoɔ a wɔwɔ mu enti.
and said to him, “Run, speak to this young man, saying, ‘Jerusalem will be inhabited as villages without walls, because of the multitude of men and livestock in it.
5 Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasuo, atwa ho ahyia,’ sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘na mayɛ ne mu animuonyam.’
For I,’ says the LORD, ‘will be to her a wall of fire around it, and I will be the glory in the middle of her.
6 “Mommra! Mommra! Monnwane mfiri atifi asase no so,” sɛ Awurade seɛ nie, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa ɛnan no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Come! Come! Flee from the land of the north,’ says the LORD; ‘for I have spread you abroad as the four winds of the sky,’ says the LORD.
7 “Mommra, Ao Sion! Monnwane mo a mote Babilonia!”
‘Come, Zion! Escape, you who dwell with the daughter of Babylon.’
8 Ɛfiri sɛ sei na Asafo Awurade seɛ, “Onimuonyamfoɔ no asoma me akɔtia aman a wɔafo wo nneɛma no. Ɛfiri sɛ, deɛ ɔde ne nsa bɛka wo biara no de nsa aka AWURADE aniwa kosua.
For the LORD of Armies says: ‘For honour he has sent me to the nations which plundered you; for he who touches you touches the apple of his eye.
9 Nokorɛm mɛma me nsa so de atia wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma woahunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me.
For, behold, I will shake my hand over them, and they will be a plunder to those who served them; and you will know that the LORD of Armies has sent me.
10 “Team na ma wʼani nnye, Ao, Ɔbabaa Sion. Ɛfiri sɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Sing and rejoice, daughter of Zion! For behold, I come and I will dwell within you,’ says the LORD.
11 “Aman bebree bɛka Awurade ho saa ɛda no na wɔabɛyɛ me nkurɔfoɔ. Me ne mo bɛtena, na mobɛhunu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.
Many nations shall join themselves to the LORD in that day, and shall be my people; and I will dwell amongst you, and you shall know that the LORD of Armies has sent me to you.
12 Awurade bɛfa Yuda sɛ nʼagyapadeɛ wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio.
The LORD will inherit Judah as his portion in the holy land, and will again choose Jerusalem.
13 Monyɛ komm wɔ Awurade anim, adasamma nyinaa, ɛfiri sɛ wakanyane ne ho wɔ nʼatenaeɛ kronkron hɔ.”
Be silent, all flesh, before the LORD; for he has roused himself from his holy habitation!”

< Sakaria 2 >