< Rut 3 >

1 Ɛda bi Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ, “Me babaa, ɛberɛ aduru sɛ mehwehwɛ fie a wobɛtena mu na wobɛnya deɛ ɛhia wo biara.
Naomi her mother-in-law said to her, “My daughter, shall I not seek rest for you, that it may be well with you?
2 Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔeɛ mmorosoɔ sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfoɔ aboaboa atokoɔ ano. Anadwo yi, ɔbɛhuhu atokoɔ so wɔ ayuporobea hɔ.
Now isn’t Boaz our kinsman, with whose maidens you were? Behold, he will be winnowing barley tonight on the threshing floor.
3 Enti, yɛ deɛ merekyerɛ wo yi. Dware na tutu aduhwam gu wo ho na fa wo ntadeɛ pa bi hyɛ. Afei, kɔ ayuporobea hɔ, nanso mma Boas nhunu wo kɔsi sɛ ɔbɛdidi awie.
Therefore wash yourself, anoint yourself, get dressed, and go down to the threshing floor; but don’t make yourself known to the man until he has finished eating and drinking.
4 Hwɛ na hunu baabi a ɔda hɔ yie, afei, kɔ na kɔyi ne nan ho akatasoɔ na da hɔ. Ɔbɛka deɛ ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.”
It shall be, when he lies down, that you shall note the place where he is lying. Then you shall go in, uncover his feet, and lie down. Then he will tell you what to do.”
5 Rut kaa sɛ, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”
She said to her, “All that you say, I will do.”
6 Enti, ɔkɔɔ ayuporobea hɔ anadwo no, na ɔdii akwankyerɛ a nʼase de maa no no so.
She went down to the threshing floor, and did everything that her mother-in-law told her.
7 Boas didi wieeɛ no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atokoɔ mmoano no ho, na ɔfaa mu daeɛ. Rut yɛɛ nwaa kɔyii ne nan ho akatasoɔ na ɔdaa hɔ.
When Boaz had eaten and drunk, and his heart was merry, he went to lie down at the end of the heap of grain. She came softly, uncovered his feet, and lay down.
8 Anadwo dasuo mu no, Boas bɔɔ pitiri danee ne ho. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔhunuu sɛ ɔbaa da ne nan ase.
At midnight, the man was startled and turned himself; and behold, a woman lay at his feet.
9 Ɔbisaa sɛ, “Na hwan nie?” Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ me wo ɔsomfoɔ Rut. Trɛ wo nkatasoɔ no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefoɔ.”
He said, “Who are you?” She answered, “I am Ruth your servant. Therefore spread the corner of your garment over your servant; for you are a near kinsman.”
10 Na Boas kaa sɛ, “Awurade nhyira wo, me babaa! Worekyerɛ abusua dɔ a ebi mmaa da sɛ woankɔdi aberantewaa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani.
He said, “You are blessed by Yahweh, my daughter. You have shown more kindness in the latter end than at the beginning, because you didn’t follow young men, whether poor or rich.
11 Afei, me babaa, mma hwee nha wo. Mɛyɛ deɛ ɛho hia, ɛfiri sɛ, obiara a ɔwɔ kuro yi mu nim sɛ woyɛ ɔbaa a wodi wo ho ni.
Now, my daughter, don’t be afraid. I will do to you all that you say; for all the city of my people knows that you are a worthy woman.
12 Nanso, akwansideɛ baako wɔ hɔ. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ meyɛ mo abusua agyefoɔ mu baako deɛ, nanso, ɔbarima foforɔ bi wɔ hɔ a ɔyɛ obusuani nimpɔn sene me.
Now it is true that I am a near kinsman. However, there is a kinsman nearer than I.
13 Tena ha anadwo yi na sɛ adeɛ kye a, me ne no bɛkasa. Sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛgye wo a, ɛnneɛ ma ho kwan na ɔnware wo. Na sɛ ɛnyɛ ne pɛ nso a, ɛnneɛ, ɛkwan biara so, sɛ Awurade te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma adeɛ nkye.”
Stay this night, and in the morning, if he will perform for you the part of a kinsman, good. Let him do the kinsman’s duty. But if he will not do the duty of a kinsman for you, then I will do the duty of a kinsman for you, as Yahweh lives. Lie down until the morning.”
14 Enti, Rut daa ne nan ho kɔsii adekyeeɛ nanso ɔsɔree ɛberɛ a na anim ayɛ hwanihwani no. Na Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi hunu sɛ ɔbaa bi bɛdaa ayuporeeɛ ha.”
She lay at his feet until the morning, then she rose up before one could discern another. For he said, “Let it not be known that the woman came to the threshing floor.”
15 Boas toaa so kaa sɛ, “Fa wʼatadeɛ ngugusoɔ no bra na trɛ mu.” Ɔsesaa atokoɔ no susukora nsia guu mu na ɔboaa no maa ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas sane kɔɔ kuro no mu.
He said, “Bring the mantle that is on you, and hold it.” She held it; and he measured six measures of barley, and laid it on her; then he went into the city.
16 Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Me babaa, ɛkɔsii sɛn?” Rut kaa biribiara a Boas yɛ maa no kyerɛɛ Naomi,
When she came to her mother-in-law, she said, “How did it go, my daughter?” She told her all that the man had done for her.
17 na ɔtoaa so sɛ, “Ɔmaa me atokoɔ susukora nsia kaa sɛ, ‘Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’”
She said, “He gave me these six measures of barley; for he said, ‘Don’t go empty to your mother-in-law.’”
18 Afei, Naomi kaa sɛ, “Me ba, twɛn kɔsi sɛ wobɛhunu deɛ ɛbɛsi. Ɔbarima no renna so kɔsi sɛ ɔbɛwie dwumadie no. Ɔbɛma asi ɛnnɛ dua yi ara.”
Then she said, “Wait, my daughter, until you know what will happen; for the man will not rest until he has settled this today.”

< Rut 3 >