< Rut 2 >

1 Ɔbarima ɔdefoɔ a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani.
Now Naomi had a relative of her husband, a worthy man of the clan of Elimelech, whose name was Boaz.
2 Ɛda koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Ma menkɔ afuo mu na menkɔboaboa atokoɔ nkaseɛ na menni obi a ɔbɛma me adi nʼakyi.” Na Naomi kaa sɛ, “Ɛyɛ, me babaa, kɔ.”
Ruth, the Moabite woman, said to Naomi, “Now let me go and glean what remains among the ears of grain in the fields. I will follow anyone in whose eyes I will find favor.” So Naomi said to her, “Go, my daughter.”
3 Enti, Rut kɔ kɔdii atwafoɔ no akyi. Na sɛdeɛ ɛbaeɛ ne sɛ, ɔhunuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuo mu.
Ruth went and gleaned what remained in the fields after they had harvested it. She happened to come to the portion of the fields belonging to Boaz, who was of the clan of Elimelek.
4 Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, Boas firi Betlehem baeɛ. Ɔkyeaa atwafoɔ no sɛ, “Awurade ne mo ntena!” Atwafoɔ no gyee so sɛ, “Awurade nhyira wo.”
Behold, Boaz came from Bethlehem and said to the reapers, “May Yahweh be with you.” They answered him, “May Yahweh bless you.”
5 Ɛnna Boas bisaa ne sohwɛfoɔ sɛ, “Ababaawa bɛn na ɔwɔ nohoa hɔ no?”
Then Boaz said to his servant who was supervising the reapers, “What man does this young woman belong to?”
6 Sohwɛfoɔ no buaa sɛ, “Ɔyɛ ababaawa bi a ɔfiri Moab a ɔne Naomi baeɛ.
The servant supervising the reapers answered and said, “It is the young Moabite woman who came back with Naomi from the land of Moab.
7 Anɔpa yi ara na ɔbisaa me sɛ, ɔbɛtumi aboaboa atokoɔ ano adi atwafoɔ no akyi anaa. Ɔyɛ nsiyɛfoɔ a ɛberɛ kakra bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.”
She said to me, 'Please let me glean what remains in the field after the workers harvest the crop.' So she came here and has continued from the morning until now, except that she rested a little in the house.”
8 Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut sɛ, “Me babaa tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atokoɔ; mma nkɔ afuo foforɔ biara mu. Di mmaa a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuo yi mu no akyi pɛɛ.
Then Boaz said to Ruth, “Are you listening to me, my daughter? Do not go and glean in another field; do not leave my field. Instead, stay here and work with my young female workers.
9 Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuo no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmeranteɛ no kɔkɔ sɛ wɔnnha wo. Na sɛ sukɔm de wo a, nom nsuo a wɔakɔsa afiri abura no mu no bi.”
Keep your eyes only on the field where the men are reaping and follow behind the other women. Have I not instructed the men not to touch you? Whenever you are thirsty, you may go to the waterpots and drink the water that the men have drawn.”
10 Rut butuiɛ, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?”
Then she bowed down before Boaz, touching her face to the ground. She said to him, “Why have I found such favor in your eyes that you should be concerned about me, a foreigner?”
11 Boas buaa sɛ, “Deɛ woayɛ ama wʼase ɛfiri wo kunu wuo akyi no nyinaa, wɔaka akyerɛ me, sɛ wofirii wʼagya ne wo maame ne wo ɔman na wo ne nnipa a wonnim wɔn baabiara no bɛtenaeɛ no.
Boaz answered and said to her, “It has been reported to me, all that you have done since the death of your husband. You have left your father, mother, and the land of your birth to follow your mother-in-law and to come to a people you do not know.
12 Awurade, Israel Onyankopɔn a woanya dwanekɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.”
May Yahweh reward you for your deed. May you receive full payment from Yahweh, the God of Israel, under whose wings you have found refuge.”
13 Na ɔno nso kaa sɛ, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekyerɛ na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamyɛ so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfoɔ no mu baako mpo no.”
Then she said, “Let me find favor in your eyes, my master, for you have comforted me, and you have spoken kindly to me, though I am not one of your female servants.”
14 Ɛduruu adidiberɛ no, Boas frɛɛ no sɛ, “Bra ma yɛnnidi. Wotumi de wo burodo no bɔ nsã biara a wopɛ mu.” Enti, ɔne nʼayutwafoɔ no tenaa ase na Boas maa no aduane sene sɛdeɛ ɔbɛtumi adi mpo.
At mealtime Boaz said to Ruth, “Come here, and eat some of the bread, and dip your morsel in the wine vinegar.” She sat beside the reapers, and he offered her some roasted grain. She ate until she was satisfied and left the rest of it.
15 Ɛberɛ a Rut sane kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ, “Momma no mmoaboa atokoɔ no ano mfiri nʼafiafi no mu na monnsi no kwan.
As she got up to gather up grain, Boaz commanded his young men, saying, “Let her gather up the grain even among the bundles, and do not tell her not to.
16 Na monyiyi afiafi no mu deɛ no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesa, na monnha no.”
Also pull out for her some ears of grain from the bundles, and leave them for her to gather up, and do not rebuke her.”
17 Enti, Rut sesaa atokoɔ no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporoo atokoɔ no saa anwummerɛ no, ɔnyaa bɛyɛ lita aduonu mmienu.
So she gleaned in the field until evening. Then she beat out the ears of grain that she had gathered, and the grain was about an ephah of barley.
18 Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduane a ɔgya sii ne hɔ no maa no.
She lifted it up and went into the city. Then her mother-in-law saw what she had gathered. Ruth also brought out the roasted grain left from her meal and gave it to her.
19 Naomi hunuiɛ no, ɔteaam sɛ, “Ɛdɔɔso yie! Na ɛhe na ɛnnɛ woboaboaa saa atokoɔ yi nyinaa ano firi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira deɛ ɔboaa wo no!” Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafuom no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kaa sɛ, “Deɛ meyɛɛ adwuma wɔ nʼafuom no, wɔfrɛ no Boas.”
Her mother-in-law said to her, “Where have you gleaned today? Where did you go to work? May the man who helped you be blessed.” Then Ruth told her mother-in-law about the man who owned the field where she had worked. She said, “The name of the man who owns the field where I worked today is Boaz.”
20 Naomi ka kyerɛɛ nʼase no sɛ, “Awurade nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawuo no nʼayamyɛ. Saa ɔbarima no yɛ abusuafoɔ a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ɔgyefoɔ baako.”
Naomi said to her daughter-in-law, “May he be blessed by Yahweh, who has not left off his loyalty to the living and to the dead.” Naomi said to her, “That man is near of kin to us, one of our kinsman-redeemers.”
21 Rut kaa sɛ, “Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me sɛ, mensane mmra na me ne nʼatwafoɔ no mmɛtena kɔsi ɛberɛ a wɔbɛwie otwa no.”
Ruth the Moabite woman said, “Indeed, he said to me, 'You should keep close to my young men until they have finished all my harvest.'”
22 Naomi teaam sɛ, “Anwanwasɛm nie! Yɛ deɛ ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfoɔ no ntena kɔsi sɛ wɔbɛwie otwa no. Wʼasom bɛdwo wo wɔ hɔ sen afuo biara mu.”
Naomi said to Ruth her daughter-in-law, “It is good, my daughter, that you go out with his young female workers, so that you do not come to harm in any other field.”
23 Enti, Rut ne mmaa a wɔwɔ Boas afuom hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atokoɔ no ano kɔsii atokotwa no awieeɛ. Afei, ɔne wɔn twaa ayuo nso. Nanso, saa ɛberɛ no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.
So she stayed close to Boaz's female workers in order to glean to the end of the barley harvest and the wheat harvest. She lived with her mother-in-law.

< Rut 2 >