< Romafoɔ 13 >

1 Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, ɛfiri sɛ, tumi biara nni hɔ a ɛmfiri Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no firi Onyankopɔn. 2 Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asie no tia deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmuo ba nʼankasa ara so. 3 Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfoɔ, na mmom wɔn a wɔyɛ amumuyɛ no na wɔsuro atumfoɔ. Wopɛ sɛ woyɛ obi a ɔnsuro deɛ tumi wɔ ne nsam anaa? Ɛnneɛ, yɛ deɛ ɛtene na ɔbɛkamfo wo. 4 Ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ a wo yiedie mu enti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no ɛfiri sɛ, ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ, enti ɔnam Onyankopɔn abufuo so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. 5 Esiane saa enti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuo no enti, na mmom, ɛsiane nim a wonim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no enti. 6 Yei enti na ɛsɛ sɛ wotua toɔ, ɛfiri sɛ, sɛ atumfoɔ no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. 7 Enti, tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapadeɛ ho ka, na fa obuo ne anidie ma wɔn nyinaa. 8 Nne obiara ka. Ɛka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforɔ. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so. 9 Mmaransɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma wʼani mmere adeɛ,” yeinom ne deɛ ɛkeka ho nyinaa tiawatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 10 Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so. 11 Ɛsɛ sɛ woyɛ yei, ɛfiri sɛ, wonim mmerɛ a wowɔ mu. Ɛberɛ aduru sɛ wosɔre firi wo nna mu. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa no abɛn sene ɛberɛ a yɛgye dii kane no. 12 Adesaeɛ retwam, na adekyeeɛ reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yɛnnyae nneɛma a ɛyɛ sum deɛ no yɛ, na momfa akodeɛ a wɔde ko hann mu no. 13 Momma yɛmmɔ yɛn bra yie te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsãborɔ, adwamammɔ anaa ahohwie, ɔko anaa anibereɛ nni mu. 14 Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te sɛ ntoma a mofira, na morempɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɔhonam pɛ.

< Romafoɔ 13 >