< Nnwom 99 >

1 Awurade di ɔhene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam, ma asase nwoso. 2 Awurade a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ; wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu. 3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no. Ɔyɛ kronkron. 4 Ɔhene no yɛ kɛseɛ, ɔdɔ atɛntenenee, woama pɛpɛyɛ atim; wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ Yakob mu. 5 Momma Awurade, yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne nan ntiasoɔ anim; ɔyɛ kronkron. 6 Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfoɔ no ho, na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho; wɔfrɛɛ Awurade, na ɔgyee wɔn so. 7 Ɔfiri omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn; wɔdii mmara ne ahyɛdeɛ a ɔmaa wɔn no so. 8 Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, wogyee wɔn so; woyɛɛ bɔnefakyɛ Onyankopɔn maa Israel, nanso wɔtwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho. 9 Momma Awurade yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so, na Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron.

< Nnwom 99 >