< Nnwom 97 >

1 Awurade di ɔhene, ma asase ani nnye; ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho. 2 Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia; tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem. 3 Ogya di nʼanim na ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa. 4 Nʼanyinam hran ewiase; asase ahunu, na ne ho popo. 5 Mmepɔ nane sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim. 6 Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam. 7 Ahonisomfoɔ nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔde abosomhuhuo hoahoa wɔn ho no, anyame nyinaa monsɔre no. 8 Sion te, na ne ho sɛpɛ no na Yuda nkuraase ani gye Ao Awurade, ɛsiane wʼatɛntenenee enti. 9 Wo, Ao Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu. 10 Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyiri bɔne, ɔbɔ ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nokwafoɔ no ho ban na ɔgye wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam. 11 Hann to gu teneneefoɔ so na anigyeɛ ba wɔn a wɔn akoma mu teɛ so. 12 Momma mo ani nnye Awurade mu, mo teneneefoɔ nyinaa, na monkamfo ne din kronkron no.

< Nnwom 97 >