< Nnwom 93 >

1 Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no; wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awurade na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ. Wɔde ewiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu. 2 Wʼahennwa tim hɔ firi tete; na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten. 3 Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so, ɛpo ama wɔn nne so; ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so. 4 Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa, deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ. Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ. 5 Ao Awurade, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam daa nyinaa.

< Nnwom 93 >