< Nnwom 93 >

1 Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no; wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awurade na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ. Wɔde ewiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu.
Yahweh reigns! He is clothed with majesty! Yahweh is armed with strength. The world also is established. It can’t be moved.
2 Wʼahennwa tim hɔ firi tete; na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten.
Your throne is established from long ago. You are from everlasting.
3 Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so, ɛpo ama wɔn nne so; ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so.
The floods have lifted up, Yahweh, the floods have lifted up their voice. The floods lift up their waves.
4 Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa, deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ. Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ.
Above the voices of many waters, the mighty breakers of the sea, Yahweh on high is mighty.
5 Ao Awurade, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam daa nyinaa.
Your statutes stand firm. Holiness adorns your house, Yahweh, forever more.

< Nnwom 93 >