< Nnwom 91 >

1 Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea bɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu.
Aquele que habita no esconderijo do altíssimo, à sombra do onipotente descançará.
2 Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.”
Direi do Senhor: ele é o meu Deus, o meu refúgio, a minha fortaleza, e nele confiarei.
3 Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu ne owuyadeɛ mu.
Porque ele te livrará do laço do passarinheiro, e da peste perniciosa.
4 Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea; ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm.
Ele te cobrirá com as suas penas, e debaixo das suas asas te confiarás: a sua verdade será o teu escudo e rodela.
5 Worensuro anadwo mu ahunahuna, anaa bɛmma a ɛtu awia,
Não terás medo do terror de noite nem da seta que vôa de dia,
6 anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu, anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ.
Nem da peste que anda na escuridão, nem da mortandade que assola ao meio dia.
7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu, na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa, nanso, wo deɛ, ɛrenka wo.
Mil cairão ao teu lado, e dez mil à tua direita, mas não chegará a ti.
8 Wʼani nko ara na wode bɛhwɛ na woahunu nnebɔneyɛfoɔ asotwe.
Somente com os teus olhos contemplarás, e verás a recompensa dos ímpios.
9 Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea, mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a,
Porque tu, ó Senhor, és o meu refúgio: no altíssimo fizeste a tua habitação.
10 ɔhaw biara remma wo so, na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan.
Nenhum mal te sucederá, nem praga alguma chegará à tua tenda.
11 Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu;
Porque aos seus anjos dará ordem a teu respeito para te guardarem em todos os teus caminhos.
12 wɔde wɔn nsa bɛpagya wo, na wo nan rensunti ɔboɔ.
Eles te sustentarão nas suas mãos, para que não tropeces com o teu pé em pedra.
13 Wobɛtiatia agyata ne aprammire so, wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.
Pisarás o leão e a cobra; calcarás aos pés o filho do leão e o dragão.
14 Awurade ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no; mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.
Porquanto tão encarecidamente me amou, também eu o livrarei; pô-lo-ei em retiro alto, porque conheceu o meu nome.
15 Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so; mɛka ne ho wɔ amanehunu mu, mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.
Ele me invocará, e eu lhe responderei; estarei com ele na angústia; dela o retirarei, e o glorificarei.
16 Mɛma nkwa nna a ɛware amee no na makyerɛ no me nkwagyeɛ.”
Farta-lo-ei com longura de dias, e lhe mostrarei a minha salvação.

< Nnwom 91 >