< Nnwom 86 >

1 Dawid mpaeɛbɔ. Ao Awurade, tie me na gye me so, ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.
A Prayer by David. Hear, Yahweh, and answer me, for I am poor and needy.
2 Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo. Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa a ɔde ne ho to wo so.
Preserve my soul, for I am godly. You, my God, save your servant who trusts in you.
3 Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ, na mesu frɛ wo daa nyinaa.
Be merciful to me, Lord, for I call to you all day long.
4 Ma wʼakoa ani nnye, na wo Awurade, wo nkyɛn na mema me kra so ba.
Bring joy to the soul of your servant, for to you, Lord, do I lift up my soul.
5 Ao Awurade, woyɛ, na wode bɔne kyɛ, wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa.
For you, Lord, are good, and ready to forgive, abundant in loving kindness to all those who call on you.
6 Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ; tie me mmɔborɔ su.
Hear, Yahweh, my prayer. Listen to the voice of my petitions.
7 Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu, na wobɛgye me so.
In the day of my trouble I will call on you, for you will answer me.
8 Ao Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo; na wɔn nnwuma biara nto wo deɛ.
There is no one like you among the gods, Lord, nor any deeds like your deeds.
9 Ao Awurade, aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam.
All nations you have made will come and worship before you, Lord. They shall glorify your name.
10 Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn.
For you are great, and do wondrous things. You are God alone.
11 Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan, na mɛnante wo nokorɛ mu; ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo na masuro wo din.
Teach me your way, Yahweh. I will walk in your truth. Make my heart undivided to fear your name.
12 Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa.
I will praise you, Lord my God, with my whole heart. I will glorify your name forever more.
13 Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so; woayi me afiri owuo amena mu tɔnn. (Sheol h7585)
For your loving kindness is great toward me. You have delivered my soul from the lowest Sheol. (Sheol h7585)
14 Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so; basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me, nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.
God, the proud have risen up against me. A company of violent men have sought after my soul, and they don’t hold regard for you before them.
15 Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn, wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.
But you, Lord, are a merciful and gracious God, slow to anger, and abundant in loving kindness and truth.
16 Dane wʼani hwɛ me na dom me; fa wʼahoɔden ma wʼakoa na gye wʼafenaa babarima nkwa.
Turn to me, and have mercy on me! Give your strength to your servant. Save the son of your servant.
17 Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ, na mʼatamfoɔ nhunu na wɔn anim ngu ase na wo Ao Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.
Show me a sign of your goodness, that those who hate me may see it, and be shamed, because you, Yahweh, have helped me, and comforted me.

< Nnwom 86 >