< Nnwom 76 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ. Asaf dwom. Wɔnim Onyankopɔn wɔ Yuda; ne din so wɔ Israel. 2 Ne ntomadan si Salem, ne tenaberɛ wɔ Sion. 3 Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya, ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu. 4 Wo ho hann no hyerɛn, na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no. 5 Mmarima akokoɔdurufoɔ deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, wɔadeda awufoɔ nna; na akofoɔ no mu baako mpo ntumi mpagya ne nsa. 6 Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn. 7 Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsuro woɔ. Sɛ wo bo fu a, hwan na ɔbɛtumi agyina wʼanim? 8 Wobuu atɛn firii soro, asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn, 9 ɛberɛ a wosɔre buu atɛn, Ao Onyankopɔn, de gyee amanehunufoɔ wɔ asase no so. 10 Ampa ara wʼabufuhyeɛ a ɛtia nnipa no de ayɛyie brɛ wo, na wɔn a wɔtumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ. 11 Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn no bɔ na monni so; momma nsase a atwa ne ho ahyia mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wɔsuro noɔ no. 12 Ɔbrɛ sodifoɔ honhom ase; na asase so ahemfo suro no.

< Nnwom 76 >