< Nnwom 67 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ. Dwom. Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
[For the Chief Musician. With stringed instruments. A Psalm. A song.] May God be merciful to us, bless us, and cause his face to shine on us. (Selah)
2 na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu.
That your way may be known on earth, and your salvation among all nations,
3 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo.
let the peoples praise you, God. Let all the peoples praise you.
4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom, ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
Let the nations be glad and sing for joy, for you will judge the world in righteousness. You will judge the peoples with equity, and guide the nations on earth.
5 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
Let the peoples praise you, God. Let all the peoples praise you.
6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ, na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn.
The land has yielded its produce. May God, our God, bless us.
7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no.
May God bless us. Every part of the earth shall fear him.

< Nnwom 67 >