< Nnwom 6 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so. Dawid dwom. Ao, Awurade nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu. 2 Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ; Ao Awurade sa me yadeɛ na me nnompe wɔ ahoyera mu. 3 Me kra wɔ ahohia mu. Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? 4 Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa; gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti. 5 Obi a wawuo no renkae wo da, hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ? (Sheol h7585) 6 Apinisie ama mayɛ mmerɛ. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa na me nisuo fɔ me sumiiɛ. 7 Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti. 8 Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho, ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ. 9 Awurade ate me mmɔborɔ su; Awurade tie me sufrɛ. 10 Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase na wɔn ho adwiri wɔn; na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi.

< Nnwom 6 >