< Nnwom 4 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so. Dawid dwom. Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so, Ao, me tenenee Onyankopɔn. Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu; hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ. 2 Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora? Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi? 3 Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a. 4 Mo bo fu a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu. 5 Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu. 6 Nnipa bebree bisa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?” Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so. 7 Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no. 8 Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade, na woma metena asomdwoeɛ mu.

< Nnwom 4 >