< Nnwom 38 >

1 Dawid dwom. Adesrɛ. Ao Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuhyeɛ mu. 2 Wo bɛmma ahwire me mu, na wo nsa adwerɛ me. 3 Wʼabofuhyeɛ no enti, ahoɔden biara nni me mu; me bɔne enti, me nnompe ahodwo. 4 Mʼafɔdie amene me te sɛ adesoa a emu yɛ duru dodo. 5 Mʼakuro bɔn na aporɔ ɛsiane me bɔne mu agyimisɛm enti. 6 Makoto na wɔabrɛ me ase; da mu nyinaa menantenante twa agyaadwoɔ. 7 Mʼakyi dompe mu yea boro so: ahoɔden biara nni me onipadua mu. 8 Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa. Mʼakoma mu yea ma me si apinie. 9 Ao Awurade, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; mʼapinisie nhintaa wo. 10 Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum. 11 Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me; mʼafipamfoɔ twe wɔn ho firi me ho. 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ. Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho. 13 Mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm, mete sɛ mumu a ɔntumi nkasa. 14 Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, deɛ nʼano ntumi mma mmuaeɛ. 15 Ao Awurade, meretwɛn wo; Ao Awurade me Onyankopɔn, wobɛgye me so. 16 Mekaa sɛ, “Mma wɔn ani nnye; anaa mma wɔnhoahoa wɔn ho wɔ me nan a awatiri no enti.” 17 Mereyɛ mahwe ase, na me yea da so wɔ me mu. 18 Meka me mfomsoɔ kyerɛ; me bɔne hyɛ me so. 19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfoɔ; wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso. 20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no bɔ me ahohora ɛberɛ a mereyɛ papa. 21 Ao, Awurade nnya me. Ao me Onyankopɔn, nkɔ akyiri! 22 Bra ntɛm bɛboa me, Awurade, mʼAgyenkwa.

< Nnwom 38 >