< Nnwom 37 >

1 Dawid dwom. Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti; mma wʼani mmere wɔn a wɔyɛ bɔne;
Não te indignes por causa dos malfeitores, nem tenhas inveja dos que obram a iniquidade.
2 Wɔte sɛ ɛserɛ, ɛnkyɛre na ahye, wɔte sɛ dua mono, ɛnkyɛre na awu.
Porque cedo serão ceifados como a erva, e murcharão como a verdura.
3 Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa. Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea hɔ.
Confia no Senhor e faze o bem; habitarás na terra, e verdadeiramente serás alimentado.
4 Ma wʼani nka Awurade ho na woama wo deɛ wʼakoma pɛ.
Deleita-te também no Senhor, e te concederá os desejos do teu coração.
5 Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam; na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ:
Entrega o teu caminho ao Senhor; confia nele, e ele o fará.
6 ɔbɛma wo teneneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyeeɛ, na wʼatɛntenenee ayɛ sɛ owigyinaeɛ.
E ele fará sobresair a tua justiça como a luz, e o teu juízo como o meio dia.
7 Yɛ komm wɔ Awurade anim na to wo bo ase twɛn no, nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie ho ɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so.
Descança no Senhor, e espera nele; não te indignes por causa daquele que prospera em seu caminho, por causa do homem que executa astutos intentos.
8 Mma wo bo mfu, na gyae abufuhyeɛ; nha wo ho, ɛkɔwie bɔne nko ara.
Deixa a ira, e abandona o furor: não te indignes para fazer somente o mal.
9 Wɔbɛtwa nnebɔneyɛfoɔ agu, nanso wɔn a wɔn ani da Awurade soɔ no, wɔbɛnya asase no adi so.
Porque os malfeitores serão desarreigados; mas aqueles que esperam no Senhor herdarão a terra.
10 Ɛrenkyɛre, nnebɔneyɛfoɔ bɛyera. Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhunu wɔn.
Pois ainda um pouco, e o ímpio não existirá; olharás para o seu lugar, e não aparecerá.
11 Nanso ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi so na wɔanya asomdwoeɛ mmorosoɔ.
Mas os mansos herdarão a terra, e se deleitarão na abundância de paz.
12 Amumuyɛfoɔ bɔ pɔ bɔne tia ateneneefoɔ na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;
O ímpio maquina contra o justo, e contra ele range os dentes.
13 nanso, Awurade sere amumuyɛfoɔ, na ɔnim sɛ wɔn nna abɛn.
O Senhor se rirá dele, pois vê que vem chegando o seu dia.
14 Amumuyɛfoɔ twe akofena na wɔkuntunu wɔn tadua mu sɛ wɔbɛkum ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ, sɛ wɔbɛkum wɔn a wɔn akwan tene.
Os ímpios puxaram da espada e entesaram o arco, para derribarem o pobre e necessitado, e para matarem os de reta conversação.
15 Nanso, wɔn akofena bɛwowɔ wɔn ankasa akoma mu, na wɔn tadua mu abubu.
Porém a sua espada lhes entrará no coração, e os seus arcos se quebrarão.
16 Kakra a ateneneefoɔ wɔ no som bo sene amumuyɛfoɔ bebree ahonya;
Vale mais o pouco que tem o justo, do que as riquezas de muitos ímpios.
17 ɛfiri sɛ, amumuyɛfoɔ ahoɔden bɛsa nanso Awurade bɛwowa ateneneefoɔ.
Pois os braços dos ímpios se quebrarão, mas o Senhor sustem os justos.
18 Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna, na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.
O Senhor conhece os dias dos retos, e a sua herança permanecerá para sempre.
19 Ahohiahia berɛ mu wɔremmrɛ. Ɛkɔm berɛ mu wɔbɛnya ma abu so.
Não serão envergonhados nos dias maus, e nos dias de fome se fartarão.
20 Nanso, amumuyɛfoɔ bɛyera. Awurade atamfoɔ bɛyɛ te sɛ wiram nhwiren; wɔbɛtu ayera sɛ wisie.
Mas os ímpios perecerão, e os inimigos do Senhor serão como a gordura dos cordeiros; desaparecerão, e em fumo se desfarão.
21 Amumuyɛfoɔ pɛ bosea, na wɔntua, nanso ɔteneneeni de ahummɔborɔ ma;
O ímpio toma emprestado, e não paga; mas o justo se compadece, e dá.
22 Wɔn a Awurade ahyira wɔn no bɛnya asase no adi so, na wɔn a ɔdome wɔn no wɔbɛtwa wɔn agu.
Porque aqueles que ele abençoa herdarão a terra, e aqueles que forem por ele amaldiçoados serão desarreigados.
23 Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a, ɔma nʼanammɔntuo si pi.
Os passos de um homem bom são confirmados pelo Senhor, e deleita-se no seu caminho.
24 Sɛ ɔsunti a ɔrenhwe ase, ɛfiri sɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.
Ainda que caia, não ficará prostrado, pois o Senhor o sustem com a sua mão.
25 Na meyɛ aberanteɛ, na seesei mabɔ akɔkoraa, na menhunuu ɔteneneeni a Awurade apa nʼakyi anaasɛ ne mma resrɛ aduane.
Fui moço, e agora sou velho; mas nunca vi desamparado o justo, nem a sua semente a mendigar o pão.
26 Ɛberɛ biara ɔyɛ adɔeɛ, na ɔde fɛm kwa; na ne mma bɛnya nhyira.
Compadece-se sempre, e empresta, e a sua semente é abençoada.
27 Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ papa na wobɛtena asase no so afebɔɔ.
Aparta-te do mal e faze o bem; e habita para sempre.
28 Ɛfiri sɛ, Awurade pɛ deɛ ɛtene, na ɔrennya ne nkurɔfoɔ nokwafoɔ no. Wɔbɛnya banbɔ daa nyinaa Nanso, amumuyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn agu.
Porque o Senhor ama o juízo e não desampara os seus santos; eles são preservados para sempre; mas a semente dos ímpios será desarreigada.
29 Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi so na wɔatena so afebɔɔ.
Os justos herdarão a terra e habitarão nela para sempre.
30 Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkrɛma ka deɛ ɛtene.
A boca do justo fala a sabedoria: a sua língua fala do juízo.
31 Ne Onyankopɔn mmara wɔ nʼakoma mu; ne nan nnwatiri.
A lei do seu Deus está em seu coração; os seus passos não resvalarão.
32 Amumuyɛfoɔ tetɛ ateneneefoɔ hwehwɛ sɛ wɔbɛkum wɔn,
O ímpio espreita ao justo, e procura mata-lo.
33 nanso, Awurade nnyaa wɔn mma wɔn na ɔremma wɔmmu wɔn kumfɔ wɔ asɛnniiɛ.
O Senhor não o deixará em suas mãos, nem o condenará quando for julgado.
34 Montwɛn Awurade na monhwɛ nʼakwan. Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so; sɛ wɔtwitwa amumuyɛfoɔ no gu a, mobɛhunu.
Espera no Senhor, e guarda o seu caminho, e te exaltará para herdares a terra: tu o verás quando os ímpios forem desarreigados.
35 Mahunu omumuyɛfoɔ a ɔyɛ basabasa sɛ ɔredi yie sɛ dua mono a ɛsi asase pa soɔ,
Vi o ímpio com grande poder espalhar-se como a árvore verde na terra natal.
36 nanso ankyɛre na ɛwuiɛ a wɔnhunu no bio; mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no.
Mas passou e já não aparece: procurei-o, mas não se pôde encontrar.
37 Susu deɛ ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ deɛ ɔtene; na asomdwoeɛ onipa bɛnya asetena pa daakye.
Nota o homem sincero, e considera o reto, porque o fim desse homem é a paz.
38 Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ nyinaa; na wɔbɛtɔre wɔn asefoɔ ase.
Enquanto aos transgressores serão à uma destruídos, e as relíquias dos ímpios serão destruídas.
39 Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Awurade ɔne wɔn aban wɔ amanehunu berɛ mu.
Mas a salvação dos justos vem do Senhor; ele é a sua fortaleza no tempo da angústia.
40 Awurade boa wɔn na ɔgye wɔn; ɔyi wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam na ɔgye wɔn nkwa, ɛfiri sɛ wɔhinta wɔ ne mu.
E o Senhor os ajudará e os livrará; ele os livrará dos ímpios e os salvará, porquanto confiam nele.

< Nnwom 37 >