< Nnwom 36 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Awurade ɔsomfoɔ Dawid dwom. Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma so a ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho. Wɔnnsuro Onyankopɔn. 2 Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodo enti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ. 3 Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa; ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa. 4 Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne; na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwan na ɔmpo deɛ ɛnyɛ. 5 Awurade, wʼadɔeɛ duru sorosoro wo nokorɛdie duru ewiem tɔnn. 6 Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ. Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu. Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so. 7 Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo! Nnipa mu akɛseɛ ne nketewa nya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase. 8 Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fie woma wɔnom firi wʼanika asutene no mu. 9 Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ; wo hann mu na yɛhunu hann. 10 Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo, ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu. 11 Mma ɔhantanni nan ntia me anaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me. 12 Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase, wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.

< Nnwom 36 >