< Nnwom 33 >

1 Momfa ahurisie nto dwom mma Awurade, mo teneneefoɔ, ɛfata sɛ wɔn a wɔtene no yi no ayɛ.
Rejoice in Yahweh, you righteous! Praise is fitting for the upright.
2 Momfa sankuo nkamfo Awurade; monto dwom mma no wɔ sankuten so.
Give thanks to Yahweh with the lyre. Sing praises to him with the harp of ten strings.
3 Monto dwom foforɔ mma no. Momfa nimdeɛ mmɔ sankuo no na monteam ahurisie so!
Sing to him a new song. Play skillfully with a shout of joy!
4 Awurade asɛm tene, na ɛyɛ nokorɛ ɔdi nokorɛ wɔ deɛ ɔyɛ nyinaa mu.
For Yahweh’s word is right. All his work is done in faithfulness.
5 Awurade dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee. Nʼadɔeɛ a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.
He loves righteousness and justice. The earth is full of the loving kindness of Yahweh.
6 Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, nʼanom homeɛ so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.
By Yahweh’s word, the heavens were made: all their army by the breath of his mouth.
7 Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo; na ɔde ebunu siee deɛ ɛhɔ dɔ.
He gathers the waters of the sea together as a heap. He lays up the deeps in storehouses.
8 Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Awurade; na ewiasefoɔ nyinaa mfa anidie mma no.
Let all the earth fear Yahweh. Let all the inhabitants of the world stand in awe of him.
9 Ɔno na ɔkasaeɛ na ɛbaa mu na ɔhyɛeɛ na ɛgyinaa pintinn.
For he spoke, and it was done. He commanded, and it stood firm.
10 Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛeɛ; ɔma adasamma nsusuiɛ yɛ kwa.
Yahweh brings the counsel of the nations to nothing. He makes the thoughts of the peoples to be of no effect.
11 Nanso, Awurade nhyehyɛeɛ tim hɔ daa, nʼakoma mu botaeɛ wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ.
The counsel of Yahweh stands fast forever, the thoughts of his heart to all generations.
12 Nhyira ne ɔman a ne Onyankopɔn ne Awurade, nnipa a ɔyii wɔn sɛ nʼagyapadeɛ no.
Blessed is the nation whose God is Yahweh, the people whom he has chosen for his own inheritance.
13 Awurade hwɛ adasamma nyinaa firi soro.
Yahweh looks from heaven. He sees all the sons of men.
14 Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.
From the place of his habitation he looks out on all the inhabitants of the earth,
15 Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma, enti ɔnim deɛ wɔyɛ nyinaa.
he who fashions all of their hearts; and he considers all of their works.
16 Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no; ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi.
There is no king saved by the multitude of an army. A mighty man is not delivered by great strength.
17 Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu; nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.
A horse is a vain thing for safety, neither does he deliver any by his great power.
18 Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so, wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,
Behold, Yahweh’s eye is on those who fear him, on those who hope in his loving kindness,
19 sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu.
to deliver their soul from death, to keep them alive in famine.
20 Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade; ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm.
Our soul has waited for Yahweh. He is our help and our shield.
21 Ne mu na yɛn akoma di ahurisie, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.
For our heart rejoices in him, because we have trusted in his holy name.
22 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ntena yɛn so, Ao Awurade, sɛdeɛ anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mu no teɛ.
Let your loving kindness be on us, Yahweh, since we have hoped in you.

< Nnwom 33 >