< Nnwom 26 >

1 Dawid dwom. Bu me bem, Ao Awurade, ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: mede me ho too Awurade so na manhinhim. 2 Sɔ me hwɛ, Ao Awurade, hwehwɛ mʼakoma ne mʼadwene mu. 3 Wʼadɔeɛ wɔ mʼanim daa na mɛnante wo nokorɛ mu. 4 Me ne nnaadaafoɔ ntena na me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ. 5 Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔ na mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena. 6 Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu, na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade, 7 na mepae mu ka wʼayɛyie na meka wʼanwanwadeɛ nyinaa. 8 Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade, baabi a wʼanimuonyam wɔ no. 9 Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ. Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho, 10 wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma. 11 Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ. Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa. 12 Me nan sisi asase tamaa so; na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo Awurade.

< Nnwom 26 >