< Nnwom 149 >

1 Monkamfo Awurade. Monto dwom foforɔ mma Awurade, monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu.
Praise Yahweh! Sing to Yahweh a new song, his praise in the assembly of the saints.
2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu. Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu.
Let Israel rejoice in him who made them. Let the children of Zion be joyful in their King.
3 Ma wɔmfa asa nkamfo ne din na wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no.
Let them praise his name in the dance! Let them sing praises to him with tambourine and harp!
4 Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfoɔ; ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ.
For Yahweh takes pleasure in his people. He crowns the humble with salvation.
5 Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu; na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so.
Let the saints rejoice in honor. Let them sing for joy on their beds.
6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomu na ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam,
May the high praises of God be in their mouths, and a two-edged sword in their hand,
7 sɛ wɔmfa ntɔ werɛ wɔ amanaman no so ne asotwe wɔ nnipa no so,
to execute vengeance on the nations, and punishments on the peoples;
8 sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo, ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire,
to bind their kings with chains, and their nobles with fetters of iron;
9 sɛ wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no. Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam. Monkamfo Awurade.
to execute on them the written judgment. All his saints have this honor. Praise Yah!

< Nnwom 149 >