< Nnwom 145 >

1 Ayɛyie dwom. Dawid deɛ. Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene; mɛkamfo wo din daa daa. 2 Ɛda biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa. 3 Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ; obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ. 4 Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ; wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm. 5 Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho. 6 Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ. 7 Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa, na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom. 8 Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ; ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. 9 Awurade yɛ ma obiara; na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa. 10 Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo; na wʼahotefoɔ bɛma wo so. 11 Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm, 12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no. 13 Wʼahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa. Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ. 14 Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom. 15 Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan, na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu. 16 Wobue wo nsam na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ. 17 Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu; na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa. 18 Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa. 19 Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn; ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn. 20 Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so, nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa. 21 Mʼano bɛkamfo Awurade. Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.

< Nnwom 145 >