< Nnwom 144 >

1 Dawid deɛ. Nkamfoɔ nka Awurade, me Botan, deɛ ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie, na ɔkyerɛkyerɛ me nsateaa akodie. 2 Ɔyɛ mʼadɔeɛ Onyankopɔn ne mʼaban, mʼabandenden ne me ɔgyefoɔ, me kyɛm a mewɔ dwanekɔbea wɔ ne mu; ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase. 3 Ao Awurade, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho? Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi? 4 Onipa te sɛ ahomeɛ; ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam. 5 Ao Awurade, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam; fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie. 6 Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete; to wo mmemma no ma wɔn nnwane. 7 Tene wo nsa firi soro bra fam; gye me na yi me firi nsuo akɛseɛ ho, firi ananafoɔ nsam, 8 wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. 9 Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo; mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo, 10 ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo, na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano. 11 Gye me na yi me firi ananafoɔ nsam, wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. 12 Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛ bɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie, na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ adum a wɔasene de asiesie ahemfie. 13 Yɛn asan bɛyɛ ma. Aduane ahodoɔ biara bɛba mu bi. Yɛn nnwan bɛdɔɔso ayɛ mpem mpem, ayɛ mpemdu du wɔ yɛn mfuo so; 14 yɛn anantwie bɛtwe nnuane a ɛdɔɔso na emu yɛ duru. Obiara rentumi nnwiri yɛn afasuo ngu; yɛrenkɔ nkoasom mu, na agyaadwotwa remma yɛn mmɔntene so. 15 Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn. Nhyira nka nnipa a wɔn Onyankopɔn ne Awurade.

< Nnwom 144 >