< Nnwom 142 >

1 Dawid deɛ. Ɛberɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaeɛbɔ. Meteam mesu frɛ Awurade; me ma me nne so su frɛ Awurade sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ. 2 Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim; meka me haw kyerɛ no. 3 Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wonim mʼakwan. Ɛkwan a menam so no nnipa asum me afidie wɔ so. 4 Hwɛ me nifa so na hunu sɛ; mʼasɛm mfa obiara ho; menni dwanekɔbea bi; me nkwa mfa obiara ho. 5 Ao Awurade, mesu mefrɛ wo; mese, “Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.” 6 Tie me sufrɛ, na mewɔ ahohia kɛseɛ mu; gye me firi mʼataafoɔ nsam, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me. 7 Yi me firi me nneduadan mu, na makamfo wo din. Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia ɛsiane wo papa a woayɛ me enti.

< Nnwom 142 >