< Nnwom 14 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Dawid dwom. Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa. 2 Awurade firi ɔsoro hwɛ adasamma sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. 3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ. 4 Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Awurade? 5 Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu. 6 Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ, nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea. 7 Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!

< Nnwom 14 >